1Na adiyifoɔ mma no mu baako yere teaa mu ka kyerɛɛ Elisa sɛ: W’akoa, me kunu, awu, na wo ara wonim sɛ na w’akoa suro AWURADE; na ɔkafoɔ aba rebɛfa me mma baanu akɔyɛ ne nkoa.
21 Ah 17.12 Na Elisa bisaa no sɛ: Ɛdeɛn na menyɛ memma woɔ? Kyerɛ me ɛ, ɛdeɛn na wowɔ wɔ efie? Na ɔbuaa sɛ: W’afenaa nni hwee fie, gye ngo ahina baako pɛ.
3Na Elisa kaa sɛ: Firi adi kɔfemfɛm nhina wɔ wɔn a wɔtete bɛn woɔ nyinaa nkyɛn, nhina hunu, ma no nnɔɔso.
4Na sɛ woba mu a, to wo ne wo mma no pono mu, na hwiehwie gu nhina no nyinaa mu, na fa deɛ ayɛ ma no sisi nkyɛn.
5Na ɔfirii ne nkyɛn kɔe, na ɔkɔtoo ne ho ne ne mma pono mu. Wɔn deɛ, wɔde nhina no brɛɛ no, na ɔno nso hwiehwie guguu mu.
6Na ɛbaa sɛ nhina no yeyɛɛ amaama no, ɔka kyerɛɛ ne ba sɛ: Fa ahina bi brɛ me bio! Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Ahina biara nni hɔ bio; na ngo no twae.
7Ɛnna ɔba bɛka kyerɛɛ Nyankopɔn nipa no. Na ɔkaa sɛ: Kɔ na kɔtɔn ngo no, na fa tua wo ka, na wo ne wo mma nni deɛ aka no ntena ase.
Elisa ne Sunemni baa bi8 Yos 19.18 Na da bi Elisa sene kɔɔ Sunem. Na ɔbaa ɔdefoɔ bi wɔ hɔ a ɔhyɛɛ no ma ɔdidiiɛ. Na daa ɔretwam a, ɔmane hɔ kɔdidi.
9Na ɔka kyerɛɛ ne kunu sɛ: Hwɛ, mahunu sɛ Nyankopɔn nipa kronkron ne oyi a ɔbɛsene yɛn nkyɛn daa yi;
10ma yɛnyɛ abansoro fasuo mu pia ketewa bi, na yɛmfa mpadua, ɛpono, adwa ne kaneadua nsisi hɔ mma no, na sɛ ɔba yɛn nkyɛn a, wamane akɔ hɔ.
11Na da bi ɔbaa hɔ, na ɔmane kɔɔ abansoro pia no mu kɔdaa hɔ.
12Na ɔka kyerɛɛ n’abɔfra Gehasi sɛ: Kɔfrɛ Sunemni no bra! Na ɔkɔfrɛɛ no bae, na ɔbɛgyinaa n’anim.
13Na Elisa ka kyerɛɛ Gehasi sɛ: Bisa no sɛ: Hwɛ, wode ɔhaw yi nyinaa aha wo ho ama yɛn: Ɛdeɛn na yɛnyɛ mma woɔ? Wowɔ asɛm bi a wɔnkɔka nkyerɛ ɔhene anaa ɔsafohene? Na ɔse: Me deɛ, mete me nkurɔfoɔ mu.
14Na ɔbisaa sɛ: Gehasi, ɛdeɛn na wɔnyɛ mma no? Na Gehasi kaa sɛ: Ampa, ɔnni ba, na ne kunu nso anyini.
15Na Elisa kaa sɛ: Frɛ no! Na ɔfrɛɛ no, na ɔbɛgyinaa ɛpono ano.
16Gye 18.10, 14 Na ɔkaa sɛ: Afeda sɛsɛberɛ yi mu no, wobɛwo ɔba. Na ɔse: Nyɛ saa, me wura, Nyankopɔn nipa, nni atorɔ nkyerɛ w’afenaa.
17Nanso ɔbaa no nyinsɛnee, na ɔwoo ɔbabarima afeda no mu, berɛ a Elisa ka kyerɛɛ no no mu.
18Na abɔfra no nyinii. Na da bi ɔfirii adi kɔɔ n’agya nkyɛn wɔ ayutwafoɔ nkyɛn.
19Na ɔka kyerɛɛ n’agya sɛ: Me ti, me ti! Na agya no ka kyerɛɛ aberanteɛ bi sɛ: Ma no so kɔma ne na.
20Na ɔmaa no so de no brɛɛ ne na; na ɔde no tenaa ne srɛ so kɔsii awigyina, na ɔwui.
21Na ɔforo de no kɔtoo Nyankopɔn nipa no mpa no so, na ɔtoo ɛpono no mu na ɔfirii adi.
22Na ɔkɔfrɛɛ ne kunu sɛ: Mesrɛ wo, soma mmeranteɛ no mu baako ne mfunumu abereɛ no mu baako brɛ me, na mentutu mmirika menkɔ Nyankopɔn nipa no nkyɛn na memmra.
23Na ɔbisaa no sɛ: Adɛn nti na wopɛ sɛ wokɔ ne nkyɛn nnɛ yi? Ɛnyɛ ɔsrane foforɔ, na ɛnyɛ homeda. Na ɔbaa no kaa sɛ: Ɛnyɛ hwee.
24Na ɔhyehyɛɛ afunumubereɛ no, na ɔka kyerɛɛ n’abɔfra no sɛ: Ka no kɔ ara, ngo ammirikatuo no mu, gye sɛ meka mekyerɛ wo ansa.
252 Ah 2.25 Na ɔsii mu, na ɔbɛduruu Nyankopɔn nipa no nkyɛn Karmel bepɔ so. Na ɛbaa sɛ, Nyankopɔn nipa no hunuu no akyirikyiri no, ɔka kyerɛɛ n’abɔfra Gehasi sɛ: Hwɛ, Sunemni no nie.
26Afei tu mmirika kɔhyia no, na bisa no sɛ: Wo ho yɛ anaa? Wo kunu ho yɛ anaa? Abɔfra no nso ho yɛ anaa? Na ɔbuaa sɛ: Ɛyɛ.
27Na ɔduruu Nyankopɔn nipa no nkyɛn bepɔ no soɔ no, ɔbɛsosɔɔ ne nan. Na Gehasi twe pinii sɛ ɔrebɛsum no. Na Nyankopɔn nipa no kaa sɛ: Gyaa no, na ne kra werɛ aho wɔ ne mu, nanso AWURADE de ahunta me, na wanka ankyerɛ me.
282 Ah 4.16 Na ɔbaa no kaa sɛ: Mebɛsrɛɛ me wura hɔ ɔba? Manka sɛ: Nnaadaa me anaa!
29Luka 10.4 Ɛnna ɔka kyerɛɛ Gehasi sɛ: Bɔ abɔsoɔ, na fa me poma kura na kɔ; woto obi a, nkyea no, nso obiara kyea wo a, nnye no so; na fa me poma yi kɔto abɔfra no anim.
30Na abɔfra no na kaa sɛ: Sɛ AWURADE te aseɛ na wo kra te aseɛ yi, merennya wo hɔ. Ɛnna ɔsɔre dii n’akyi.
31Na Gehasi dii wɔn anim kɔe, na ɔde poma no kɔtoo abɔfra no anim; nanso wante nne biara, na wanhunu nkwa ho nsɛnkyerɛnneɛ biara. Na ɔsane kɔhyiaa no, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Abɔfra no nnyaneeɛ.
32Na Elisa duruu fie hɔ no, ɔhunuu sɛ, abɔfra no awu da ne mpa so.
33Aso 9.40 Ɛnna ɔkɔɔ mu, na ɔtoo wɔn baanu pono mu, na ɔbɔɔ AWURADE mpaeɛ.
341 Ah 17.21 Na ɔforo kɔbutuu abɔfra no so, na ɔde n’ano butuu n’ano, na ɔde n’ani butuu n’ani so, na ɔde ne nsam totoo ne nsam, na ɔponoo ne mu, abɔfra no so, na abɔfra no honam yɛɛ hye.
35Ɛnna ɔsane ba bɛnantee ɛdan no mu dii hɔ akɔneaba. Na ɔforo kɔɔ bio kɔponoo ne mu wɔ ne so: Ɛnna abɔfra no nwansii mprɛnson, na abɔfra no buee n’ani.
36 Luka 7.15; Heb 11.35 Na ɔfrɛɛ Gehasi sɛ: Frɛ Sunemni no! Na ɔfrɛɛ no, na ɔbaa ne nkyɛn. Na ɔkaa sɛ: Fa wo ba no!
37Ɛnna ɔba bɛhwee ne nan ase kotoo no butuu fam, na ɔfaa ne ba no firii adi.
Owuo a ɛwɔ ɛsɛn no mu. Aduane ma38Na Elisa sane baa Gilgal. Na ɛkɔm aba asase no so, na adiyifoɔ mma no tete n’anim. Na ɔka kyerɛɛ n’abɔfra sɛ: Fa ɛsɛnkɛseɛ si so na noa aduane ma adiyifoɔ mma no.
39Na ɔbaako firi kɔɔ wiram sɛ ɔrekɔtete fan, na ɔkɔhunuu wiram homa bi, na ɔtetee so wiram ɛferɛ ne ntoma ma, na ɔba bɛtwitwaa mu guu ɛsɛn a aduane wɔ mu no mu; nso na ɔnnim n’adeban.
40Ɛnna wɔhwie maa nnipa no sɛ wɔnni. Na wɔredi aduane no bie no, wɔteaa mu sɛ: Awuduro wɔ ɛsɛne no mu, Onyame nipa! Na wɔantumi anni.
41Na ɔkaa sɛ: Ɛnneɛ momfa esiam mmra. Na ɔde guu ɛsɛn no mu, na ɔkaa sɛ: Hwie ma nkurɔfoɔ no na wɔnni. Na biribi bɔne bi nni ɛsɛn no mu bio.
42Na ɔbarima bi nso firi Baal-salisa bae, na ɔbrɛɛ Nyankopɔn nipa no aba a ɛdi kan paanoo, atokoɔ paanoo aduonu ne ayuo foforɔ a wɔnhwaneeɛ. Na ɔkaa sɛ: Fa ma nkurɔfoɔ no na wɔnni.
43Yoh 6.9; Mat 15.33 Na ne somfoɔ no bisaa sɛ: Ɛdeɛn? Memfa yei mensi nnipa ɔha anim anaa? Na ɔkaa bio sɛ: Fa ma nkurɔfoɔ no na wɔnni. Na sɛ AWURADE seɛ nie: Wɔbɛdi na wɔagya bi.
44Mat 16.9-10 Ɛnna ɔde sii wɔn anim; na wɔdii, na wɔgyaa bi, sɛdeɛ AWURADE asɛm no teɛ no.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.