Asomafoɔ 24 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Tertulo bɔ ɔsomafoɔ no ho nkuro

1Na ne nnannum soɔ no, Ɔsɔfopanin Anania ne mpanimfoɔ bi ne mmaranimfoɔ bi a ɔde Tertulo bae, na wɔbɛbɔɔ Paulo kwaadu kyerɛɛ amrado no.

2Na wɔfrɛɛ no no, Tertulo firii aseɛ bɔɔ nkuro sɛ: Ɛsiane sɛ wo nti yɛanya asomdwoeɛ bebree ne ntotoeɛ a ɛnam wo nimdeɛ so aba ɔman yi mu nti,

3Felike, onimuonyamfoɔ, yɛde aseda gye daa wɔ mmaa nyinaa.

4Na mempɛ sɛ yɛsɛe wo berɛ pii nti, mesrɛ wo, fa wo ara w’ayamyie no tie yɛn kakraa bi.

5

8Aso 23.30enti wo ara wobisa no a, wobɛhunu deɛ enti a yɛne no rebɔ nkuro yi nyinaa.

9Na Yudafoɔ no nso foaa no so sɛ nsɛm yi te saa.

Paulo yi ne ho ano wɔ Felike anim

10Na amrado no nyamm Paulo sɛ ɔnkasa no, ɔbuaa sɛ: Ɛsiane sɛ menim sɛ wofiri yɛɛ ɔman yi temmufoɔ adi mfirinhyia pii nti, mede akoma pa mereyi m’ano.

11Aso 21.17 Wobɛtumi ahunu sɛ ɛmmoroo dadu nnammienu na mekɔɔ Yerusalem sɛ merekɔsɔre.

12Na wɔanhu me asɔrefie anaa hyia adan mu anaa kuro mu hɔ sɛ me ne obi rekasa, anaasɛ merehwanyan nkurɔfoɔ no mu,

13nanso wɔrentumi nkyerɛ me nnoɔma a enti wɔretoto m’ano yi ase.

14Aso 24.5 Na yei deɛ, mepae mu meka mekyerɛ wo sɛ Ɔkwan a wɔfrɛ no sɛ Fekuo no mu na mesɔre m’agyanom Nyankopɔn, na megye nnoɔma a wɔatwerɛ no mmara ne adiyifoɔ mu nyinaa medi.

15Dan 12.2; Yoh 5.28-29 Na mewɔ Nyankopɔn ho anidasoɔ a wɔn ara nso wɔhwɛ no kwan, sɛ owusɔreɛ a wɔn a wɔtene ne wɔn a wɔntene bɛsɔre no bɛba.

16Aso 23.1 Na yei mu na mesɔ me ho mehwɛ, sɛ mɛnya ahonim a ɛnni fɔ Nyankopɔn ne nnipa fam daa.

17 Rom 15.25-26; Gal 2.10 Na mfirinhyia bebree akyiri no, mebaa sɛ mede ayɛyɛdeɛ merebrɛ me man na mabɛbɔ afɔdeɛ;

18Aso 21.27 ɛno mu na wɔhunuu me sɛ meredwira me ho asɔrefie hɔ, nso ɛnyɛ me ne nkurɔfokuo, anaasɛ meyɛɛ gyegyeegye biara.

19Na ɛyɛ Yudafoɔ bi a wɔfiri Asia, wɔn na anka ɛsɛ sɛ wɔba w’anim ha, na sɛ wɔwɔ me ho asɛm bi a, wɔne me abɛbɔ nkuro.

20Anaasɛ ma wɔnka sɛ megyina badwafoɔ no anim no, wɔhunuu me ho adeɛ a ɛntene bi anaa,

21Aso 23.6 gye asɛm baako yi a megyina wɔn mu no, meteaa mu mekaa sɛ: Awufoɔ sɔreɛ ho na morebu me atɛn nnɛ yi.

22 Aso 23.26 Na Felike nim Ɔkwan no ho asɛm no mu yie nti, ɔkaa sɛ montwentwɛn so kakra na sɛ: Ɔsafohene Lisia ba a, na mɛtie asɛm no mu yie.

23Aso 27.3 Na ɔhyɛɛ asraafoɔ ɔha so panin no sɛ ɔmfa no nsie, na wɔnnyɛ no biribiara, na ne ho nnipa bi bɛsom no anaasɛ ɔba ne nkyɛn a, ɔnnkame no.

Felike tu asɛm no hyɛ mfeɛ mmienu

24Na nna bi akyiri no, Felike ne ne yere Drusila a ɔyɛ Yudani bae, na ɔsoma maa wɔkɔfrɛɛ Paulo baeɛ, na wɔtiee Kristo Yesu mu gyidie no ho asɛm.

25Na ɔreka tenenee ne anidahɔ ne atemmuo a ɛreba no ho asɛm no, Felike suroe, na ɔkaa sɛ: Seesei deɛ, kɔ, na menya adagyeɛ a, mɛma wɔabɛfrɛ wo.

26Na n’ani da so nso sɛ Paulo bɛma no sika na wagyaa no; enti na daa ɔma wɔkɔfrɛ no, na ɔne no bɔ nkɔmmɔ.

27Na mfirinhyia mmienu duruiɛ no, Porkio Festo bɛsii Felike ananmu; na Felike pɛɛ sɛ ɔsɔ Yudafoɔ ani nti, ɔgyaa Paulo wɔ afiase hɔ.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help