Nnwom 28 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Abooboo, adesrɛ ne asedaDawid deɛ.

1 Dwom 143.7 AWURADE, wo na mesu mefrɛ woɔ, me botan,

mmua w’ano wɔ me ho;

anyɛ saa na womua w’ano wɔ me ho a,

mɛyɛ sɛ wɔn a wɔsiane kɔ Amena mu no.

2 1 Ah 8.30; Kwa 3.41 Sɛ mesu mefrɛ wo,

na mema me nsa so

mekyerɛ wo tenabea kronkron hɔ a,

tie me nkotosrɛ.

3 Dwom 26.9 Ntwe me mfra abɔnefoɔ ne abusuyɛfoɔ

a wɔne wɔn yɔnkonom kasa asomdwoeɛ soɔ,

na wɔn akoma mu deɛ, bɔne wɔ mu.

4Yɛ wɔn sɛdeɛ wɔn nneyɛɛ

ne wɔn abrabɔ bɔne teɛ,

susu wɔn nsa ano nnwuma so ma wɔn,

tua wɔn deɛ wɔayɛ so ka.

5 Yes 5.12 Ɛfiri sɛ wɔn ani nni AWURADE nneyɛɛ ne ne nsa ano nnwuma so:

Ɔbɛdwiri wɔn, na ɔrento wɔn nsi hɔ.

6Ayeyie nka AWURADE,

ɛfiri sɛ watie me nkotosrɛ.

7 Dwom 18.1-2 AWURADE ne m’ahoɔden ne me kyɛm.

Mede m’akoma mato ne so, na waboa me,

enti m’akoma ho asane no,

na mede me dwom meda no ase.

8AWURADE ne ne nkurɔfoɔ ahoɔden,

deɛ wasra no no nkwagyeɛ aban ne no.

9 Dwom 29.11 Boa wo man, na hyira w’apɛgyadeɛ,

na yɛne wɔn, na ma wɔn so daa.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help