Yeremia 10 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Nokorɛ Nyamesom ne abosonsom

1O Israel fie, montie asɛm a

AWURADE reka akyerɛ mo:

2Sɛ AWURADE seɛ nie:

Monnsua amanaman kwan,

na monnsuro ɔsoro nsɛnkyerɛnneɛ,

na amanaman na ɛsuro wɔn.

3 Yes 44.10-20 Na aman no atorɔmudeɛ yɛ atorɔ,

na ɛyɛ dua a wɔatwa no afiri kwaeɛ mu,

odwumfoɔ nsa ano adwuma a ɔde dadeɛ yɛeɛ.

4Nnipa de dwetɛ ne sika hyehyɛ no,

wɔde nnadewa ne asaeɛ bobɔ mu,

na ampɔne antɔ.

5Wɔn ahoni te sɛ ɛferɛ afuo mu kaakaamotobi,

na wɔnkasa,

soa na wɔsoa wɔn,

ɛfiri sɛ wɔntumi nnante;

monnsuro wɔn,

na wɔntumi nyɛ bɔne biara,

na papayɛ nso nni wɔn hɔ.

6Obiara nni hɔ a ɔte sɛ wo,

O AWURADE; wo na woyɛ kɛseɛ,

na wo din nso so, mmaninyɛ mu.

7Hwan na ɔrensuro woɔ,

O amanaman Hene?

Wo na ɛfata woɔ;

amanaman anyansafoɔ nyinaa mu

ne wɔn ahennie nyinaa mu,

obiara nni hɔ a ɔte sɛ woɔ.

8Na wɔn nyinaa yɛ agyimifoɔ ne nkwaseafoɔ;

ahoni nkyerɛkyerɛ! Ɛyɛ dua!

9Wɔde dwetɛ a wɔaborɔ firi Tarsis ba,

ne sika nso firi Ufas,

ɛyɛ odwumfoɔ ne sikadwumfoɔ nsa ano adwuma;

bibitoma ne ntoma a ɛberedum na ɛfira wɔn,

yei nyinaa yɛ adwumfoɔ nsa ano adwuma.

10Na AWURADE ne nokorɛ Nyankopɔn no,

ɔne Onyankopɔn teasefoɔ ne daa Hene;

n’abufuo nti asase woso,

na amanaman ntumi n’abufuhyeɛ.

11Sɛdeɛ monka nkyerɛ wɔn nie: Abosom a ɛnyɛ wɔn na wɔbɔɔ soro ne asase no bɛyera afiri asase so ne soro ase.

12 Yer 51.15-19 Ɔno na ɔde ne tumi yɛɛ asase,

de ne nyansa maa wiase timm hɔ,

na ɔde ne nhunumu trɛɛ ɔsoro mu.

13 Dwom 135.7; Hiob 38.24-30 Ɔma ne nne so a, nsuo pii ba ɔsoro,

na ɔma suwisie tu firi asase ano nohoa.

Ɔyɛ anyinam ka osuo ho,

ɔtu mframa firi n’adekorabea.

14Nnipa nyinaa yɛ agyimifoɔ a wɔnni nimdeɛ,

sikadwumfoɔ nyinaa ani wuwu wɔn ahoni ho,

ɛfiri sɛ wɔn agudeɛ no yɛ atorɔ,

na ahome nni wɔn mu.

15Wɔyɛ adehunu nko, nnaadaa adwuma;

wɔn asotweberɛ no mu, wɔbɛyera.

16 Dwom 16.5; Deut 32.9 Yakob kyɛfa nte sɛ yeinom,

na nnoɔma nyinaa yɛfoɔ ne no,

na Israel ne n’apɛgyadeɛ a ne poma di soɔ;

asafo AWURADE ne ne din.

Atemmusɛm abooboodisɛm

17Boaboa w’ahodeɛ ano firi asase so,

O wo a wote kuro a wɔatua ho no mu.

18Na sɛdeɛ AWURADE seɛ nie:

Hwɛ, mereto asase no sofoɔ ntoboɔ,

berɛ yi mu,

na mahiahia wɔn ho,

na wɔahunu.

19 Dwom 77.10 Me pira nti mennue!

Me kuro yɛ me ya;

nanso mese: Me yea ara ne no,

na mɛsɔ mu.

20Me ntomadan asɛe,

na me ntampehoma nyinaa mu atete;

me mma afiri me ho kɔ,

na wɔnni hɔ;

obiara nni hɔ a ɔbɛyere me ntomadan mu bio,

na wasi me ntwamutam.

21Na ahwɛfoɔ no adane agyimifoɔ,

na wɔmmisa AWURADE akyiri kwan;

ɛno nti wɔanni yie,

na wɔn mmoakuo no nyinaa abɔ apete.

22Montie ɛnne bi, hwɛ, ɛreba,

na gyegyeegye kɛseɛ firi atifi fam asase so reba,

sɛ wɔrebɛyɛ Yuda nkuro no amamfo,

ɛserɛ so nkraman tenabea.

23 Mmb 16.9; Ɔsɛ 9.11 Ao AWURADE, mahunu sɛ onipa kwan nni ne nsam,

ɛnni onipa nsam, sɛdeɛ ɔnam a ɔbɛtutu n’anammɔn.

24 Yer 46.28; Dwom 6.1; Hab 1.12 AWURADE, tea me, nso yɛ no sɛdeɛ ɛfata nko;

ɛnyɛ w’abufuo so, na woannwerɛ me.

25 Dwom 79.6 Ma w’abufuhyeɛ ngu amanaman a wɔnnim woɔ,

ne nkurɔfoɔ a wɔmmɔ wo din no so,

ɛfiri sɛ wɔatete Yakob mu,

wɔatete ne mu amene no,

na wɔayɛ ne tenabea no amamfo.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help