Yesaia 38 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Hesekia yadeɛ ne n’aseda dwom

1 Na owia sanee n’akyi owia dɔn no so nkyekyɛm du a asiane dada no.

9Yudahene Hesekia nsɛm a ɔyareeɛ, na ɔnyaa ne yadeɛ mu nkwa no, ɔtwerɛɛ nie:

10Me deɛ, mekaa sɛ:

Me nna mu kommyɛ mu

na merekɔ Asamando aboboano,

wɔregye me nsam me mfeɛ nkaeɛ.

11 Dwom 27.13 Mese: Merenhunu AWURADE bio,

wɔ ateasefoɔ asase so;

merenhunu nnipa bio,

wɔn a wɔte wiase no mu.

12 Hiob 7.6 Wɔayi me tenabea ma no afiri me ho kɔ

sɛ odwanhwɛfoɔ ntomadan,

mebobɔ me nkwa sɛ ɔtomanwomfoɔ;

anka ɔrebɛtwa me afiri asadua no mu:

Worewie me da koro adesaeɛ.

13 Hiob 10.16 Mesui pɛɛ mmoa kɔsii anɔpa,

ɔbubuu me nnompe nyinaa sɛ gyata:

Worewie me da koro adesaeɛ.

14Mesii apini sɛ asomfenakatakyi, sɛ asukɔnkɔn,

medii abooboo sɛ aburuburo;

m’aniwa yɛɛ siamoo hwɛɛ ɔsoro sɛ:

O AWURADE, me ho kyere me, di ma me!

15Menka sɛn? Waka akyerɛ me

na ɔno ara ayɛ.

Me nna nyinaa afiri m’ani so,

me kra awerɛhoɔ no nti.

16O AWURADE, ɛno so na nnipa nam tena aseɛ,

na ɛno nkutoo mu na me honhom nkwa wɔ,

ɛnneɛ na ma me ho nsane, na ma mennya nkwa.

17 Dwom 32.1-2; Mika 7.18-19 Hwɛ, me yiedie nti,

mehunuu amaneɛ pii;

na woayi me kra

afiri ɔsɛeɛ amena mu de afam wo ho,

ɛfiri sɛ wotoo me bɔne nyinaa

guu w’akyi.

18 Dwom 6.4 Na Asamando rentumi nna wo ase,

na owuo rentumi nkamfo wo.

Wɔn a wɔsiane kɔ Amena mu no

ntwɛn wo nokorɛ;

19ɔteasefoɔ, ɔteasefoɔ, na ɔda wo aseɛ,

sɛdeɛ meyɛ nnɛ yi;

agya ma ne mma nhunu

wo nokorɛ.

20AWURADE bɛgye me nkwa,

na yɛbɛbɔ nsankuo

yɛn nkwa nna nyinaa,

wɔ AWURADE fie.

21Nso Yesaia kaa sɛ wɔmfa borɔdɔma ɛtoa ntare mpɔmpɔ no so, na ɔbɛnya ahoɔden.

22Na Hesekia nso bisaa sɛ: Ɛdeɛn ne nsɛnkyerɛnneɛ sɛ mɛkɔ AWURADE fie?

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help