Numeri 12 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Miriam ne Aaron kasa tia Mose

1 Eks 2.21 Na Miriam ne Aaron kasa tiaa Mose sɛ ɔwaree Kusni baa, ɛfiri sɛ na waware Kusni baa bi.

2Na wɔkaa sɛ: Mose nko so na AWURADE nam kasa, na ɔmfa yɛn so nso nkasa a? Na AWURADE tee.

3Na ɔbarima Mose deɛ, na ɔdwo pii sene nnipa a wɔwɔ asase soɔ nyinaa.

4Ɛnna AWURADE ka kyerɛɛ Mose ne Aaron ne Miriam mpofirim sɛ: Mo baasa momfiri adi mmra ahyiaeɛ ntomadan no ho.

5Eks 16.10 Na wɔn baasa no firii adi. Na AWURADE sianee mununkum dum mu bɛgyinaa ntomadan no ano, na ɔfrɛɛ Aaron ne Miriam; na wɔn baanu firii adi.

6Na ɔkaa sɛ: Montie me nsɛm ɛ. Sɛ AWURADE diyifoɔ bi wɔ mo mu a, adehunu mu na mema no hu me, daeɛ mu na mekasa mekyerɛ no:

7Heb 3.2 Na ɛnte sɛ m’akoa Mose; ɔno na mede me fie nyinaa ahyɛ ne nsa.

8Eks 33.11, 23 Ano ne ano na me ne no de kasa ehunu mu, na ɛnyɛ mmebuo mu, na ɔhunu AWURADE suban. Na adɛn nti na moansuro sɛ mobɛkasa atia m’akoa Mose?

9Na AWURADE bo fuu wɔn, na ɔsii mu kɔe.

10 Deut 24.9 Na mununkum no firii ntomadan no soɔ, na hwɛ, Miriam ayare kwata sɛ sukyerɛmma. Na Aaron danee ne ho hwɛɛ Miriam no, hwɛ, na wayare kwata.

11Na Aaron ka kyerɛɛ Mose sɛ: Wo kyɛw nie, me wura. Mfa bɔne a yɛadi nkwaseasɛm ayɛ yi nto yɛn so.

12Mma no nnyɛ sɛ efunu a ɔfiri ne na yam baeɛ na ne honam fa asɛe dada.

13Eks 15.26 Na Mose su frɛɛ AWURADE sɛ: O Onyankopɔn ee, mesrɛ wo, sa no yadeɛ ɛ!

14Lew 13.46 Na AWURADE ka kyerɛɛ Mose sɛ: Na sɛ n’agya hinam n’ani so ntasuo kɛkɛ mpo a, anka n’ani renwu nnanson anaa? Wɔnto no mu nnanson nsraban no akyi, na ɛno akyiri ansa na wɔmfa no mmra mu bio.

15Na wɔtoo Miriam mu nsraban no akyi nnanson. Na ɔman no antu kɔsii sɛ wɔde Miriam baa mu bio.

16Na ɛno akyiri no, ɔman no tu firii Haserot, na wɔkɔkyeree nsraban Paran serɛ so.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help