Hesekiel 28 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Tiro man ho atemmusɛm

1Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:

2Dan 5.20; Aso 12.23 Onipa ba, ka kyerɛ Tiro man panin sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie:

Ɛsiane sɛ woama wo ho soɔ,

na wose: Meyɛ onyame,

anyamedwa so na meteɛ,

ɛpo mfimfini,

nanso woyɛ onipa,

na wonyɛ onyame,

na wobu wo ho sɛ onyame.

3 Hes 14.14 Hwɛ, woyɛ onyansafoɔ sene Daniel anaa,

ahuntasɛm biara anhunta wo,

4wo nyansa ne wo nhunumu so

na woanya adeɛ afa,

na woanya sika ne dwetɛ

agu w’akoradeɛ mu,

5wo nyansa dodoɔ ne w’adwadie

na wode ama w’ahodeɛ adɔɔso,

na w’adeɛ no nti w’akoma ahuhuru,

6enti, sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie:

Ɛsiane sɛ woyɛ wo ho sɛ

onyame nti,

7hwɛ, mede ananafoɔ mereba wo so,

amanaman mu aniɛdenfoɔ,

na wɔabɛtwetwe wɔn nkrantɛ atia wo nyansa ahoɔfɛ no,

na wɔagu wo hyerɛn ho fi.

8 Hes 26.20 Amena mu na wɔde wo bɛsiane akorɔ,

na woawu atɔfoɔ wuo,

ɛpo mfimfini.

9 Hes 28.2 Ka na wobɛka sɛ: Onyame ne me,

wɔn a wɔkum woɔ no anim?

Na wo deɛ, woyɛ onipa na wonyɛ onyame,

deɛ ɔhwire wo mu no nsam.

10Momonotofoɔ wuo na wobɛwuo

ananafoɔ nsam,

na me na maka, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie.

11Na AWURADE Nyankopɔn asɛm baa me nkyɛn sɛ:

12Hes 27.2 Onipa ba, twa Tiro hene ho kwadwom, na ka kyerɛ no sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie:

Wo deɛ, wone abɔdeɛ afɛfɛ mu deɛ ɔyɛ,

nyansa ahyɛ wo ma,

w’ahoɔfɛ di mu.

13Nyankopɔn turo Eden mu na woteɛ,

aboɔden aboɔ nyinaa yɛ wo nkataho,

bogyanamboɔ, akarateboɔ ne bɔwerɛboɔ,

sikabereɛboɔ, apopobibireboɔ ne ahwehwɛboɔ,

hoaboɔ, nsrammaboɔ ne ahahammonoboɔ ne sika;

wo mpintin ne bɔmmaa som w’anim,

ɛda a wɔbɔɔ woɔ no na wɔsiesieeɛ.

14 Yes 14.14 Wo ne kerub a wɔasra no a ɔkata soɔ,

na mede wo mesii hɔ, Nyankopɔn bepɔ kronkron no so

na wowɔ, ogya aboɔ ntam na na wonenam.

15Na mfomsoɔ biara nni wo ho,

firi da a wɔbɔɔ woɔ ara

de kɔsii da a wɔhunuu wo mu abusudeɛ no.

16W’adwadie dodoɔ nti

na wɔde amimdie hyɛɛ wo mu ma, na woyɛɛ bɔne,

na metoo wo firi Nyankopɔn bepɔ so sɛ afideɛ,

na kerub a ɔbɔ wo ho ban no,

pamm wo firi ogya aboɔ no ntam.

17W’ahoɔfɛ nti w’akoma ahuhuru,

woasɛe wo nyansa ne wo hyerɛn,

mato wo atwene fam,

mede wo ato ahemfo anim

sɛ wɔnhwɛ wo.

18W’amumuyɛ dodoɔ so,

w’adwadie abusudeɛ mu

woagu w’akronkronneɛ ho fi,

enti mama ogya afiri wo mu,

na ahye wo,

na madane wo nso, asase so,

wɔn a wɔhwɛ woɔ nyinaa anim.

19 Hes 27.36 Wɔn a wɔnim woɔ, aman nyinaa mu,

wo ho bɛyɛ wɔn ahodwiri;

woapatu asɛe,

na wonni hɔ bio de kɔsi daa.

Sidon ho nkɔmhyɛ

20Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:

21Yes 23.2, 12 Onipa ba, dane w’ani kyerɛ Sidon, na hyɛ ne ho nkɔm,

22Eks 14.18 na ka sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie:

Hwɛ, me ne wo anya, O Sidon,

na mɛnya wo mu animuonyam,

na sɛ meyɛ ne mu atemmudeɛ

na meyi ne mu kronkronyɛ adi a,

wɔahunu sɛ mene AWURADE.

23Na merema owuyadeɛ aba ne mu

na mogya agu ne mmorɔno so,

na apirafoɔ atotɔ ne mu,

nkrantɛ a ɛfiri mmaa nyinaa bɛba ne soɔ no ano,

na wɔahunu sɛ mene AWURADE.

24Na kasɛɛ a ɛwɔ onipa ne hwerɛmo a ɛyɛ ya renka hɔ mma Israel fie bio, mfiri wɔn a wɔatwa wɔn ho ahyia a wɔbu wɔn animtia no nyinaa mu, na wɔahunu sɛ mene AWURADE Nyankopɔn.

Israel ahodwoɔ

25Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Sɛ menya boa Israel fie ano firi aman a wɔapete wɔn mu no mu a, mɛyi me kronkronyɛ adi wɔ wɔn mu amanaman no ani so, na wɔbɛtena wɔn asase a mede maa m’akoa Yakob no so.

26Na wɔbɛtena so dwoodwoo, asi adan, ayeyɛ bobe nturo, na wɔatena ase dwoodwoo, ɛfiri sɛ mɛyɛ atemmudeɛ, wɔn a wɔatwa wɔn ho ahyia bu wɔn animtia no nyinaa mu, na wɔahunu sɛ mene AWURADE wɔn Nyankopɔn.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help