Nnwom 41 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Amaneɛ a ɛfiri yadeɛ ne atamfoɔ muWɔde ma dwonkyerɛfoɔ. Dawid dwom.

1 Mmb 19.17 Nhyira ne deɛ ɔdwene mmɔborɔni ho,

AWURADE bɛgye no, da bɔne mu.

2AWURADE bɛhwɛ no so,

na wama no nkwa,

na wɔahyira no asase so.

Na worenyi no nhyɛ n’atamfo a wɔpɛ no nsa.

3AWURADE bɛwowa no yadeɛ mpa so;

ne yadeɛ a ɔyare da hɔ nyinaa, wodane ma no si no yie.

4 Dwom 6.2 Me na mekaa sɛ: AWURADE, hu me mmɔbɔ,

sa me kra yadeɛ, na mayɛ wo bɔne!

5M’atamfoɔ kasa me ho bɔne sɛ:

Da bɛn na ɔbɛwuo na ne din ayera?

6Na sɛ ɔba bɛhwɛ me a, ɔka atorosɛm,

n’akoma tase nsɛnhunu fa,

ɔfiri adi kɔbɔ dawuro.

7Wɔn a wɔtane me nyinaa tutu me ho asu,

wɔsusu me ho bɔne ka sɛ:

8Abusudeɛ akuta no,

na afei ɔda hɔ yi, ɔrensɔre bio.

9 Dwom 55.13; Yoh 13.18; Aso 1.16 M’adamfo pa mpo a mede me ho metoo ne soɔ

a ɔdii m’aduane bie no, wama ne nantin so atia me.

10Na wo, AWURADE, hu me mmɔbɔ,

na ma me so, na mentua wɔn so ka!

11Yei ho na mɛhunu sɛ wopɛ me:

Sɛ m’atamfoɔ renni me so ahurisie.

12Na me deɛ, wosɔ me mu ma megyina hɔ, me mu a medie mu,

na wode me gyina w’anim pintinn daa.

13 Dwom 72.18; 89.52; 106.48; 150.6 Nhyira ne AWURADE, Israel Nyankopɔn,

ɛfiri teteete de rekɔ daa.

Amen ne Amen.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help