1 Hag 1.1; Sak 1.1 Na Odiyifoɔ Hagai ne Ido ba Odiyifoɔ Sakaria hyɛɛ Yudafoɔ a wɔwɔ Yuda ne Yerusalem ho nkɔm Israel Nyankopɔn din a ɛwɔ wɔn soɔ no mu.
2Ɛnna Sealtiel ba Serubabel ne Yosadak ba Yesua sɔreeɛ, na wɔfirii aseɛ sii Nyankopɔn fie a ɛwɔ Yerusalem no, na Nyankopɔn adiyifoɔ no ka wɔn ho na wɔsɔɔ mu.
3Berɛ no mu ara na Tatenai, asuogya ha amrado ne Setar-Bosnai ne wɔn mfɛfoɔ baa wɔn soɔ, na sɛdeɛ wɔka kyerɛɛ wɔn nie: Hwan na ɔhyɛɛ mo sɛ monsi ɛdan yi na monto ɔfasuo yi?
4Na wɔbisaa wɔn bio sɛ: Monkyerɛ yɛn nnipa a wɔresi dan yi din.
5Deut 11.12; 1 Ah 8.29 Nanso Yudafoɔ mpanimfoɔ no, Nyankopɔn ani ku wɔn ho nti, wɔansi wɔn kwan kɔsii sɛ asɛm no kɔduruu Dario nkyɛn ansa, na wɔde yei ho nwoma sane baa bio.
Wɔbɔ Dario amanneɛ6Nwoma a asuogya ha Amrado Tatenai ne Setar-Bosnai ne wɔn mfɛfoɔ a wɔfiri Afarsak a ɛwɔ asuogya ha soma maa wɔde kɔmaa Ɔhene Dario no nie:
7Nwoma no wɔsoma maa wɔde kɔmaa no, na sɛdeɛ wɔtwerɛɛ no emu nie: Ɔhene Dario, asomdwoeɛ ara nko.
8Ma ɔhene nhunu sɛ yɛsii mu kɔɔ Yuda mantam mu wɔ Onyankopɔn kɛseɛ no fie hɔ, na wɔde aboɔ akɛseɛ resi, na wɔde nnua agugu afasuo no so, na adwuma no a wɔreyɛ no rekɔ so, na ɛrekɔ so yie wɔ wɔn nsam.
9Na yɛbisaa mpanimfoɔ no, na sɛ yɛsee wɔn nie: Hwan na ɔhyɛɛ mo sɛ monsi ɛdan yi na monto ɔfasuo yi?
10Na yɛbisabisaa wɔn din nso sɛ yɛrebɛka akyerɛ wo, na yɛatwerɛ mmarima a wɔyɛ wɔn atitire no din.
11Na sɛ wɔbuaa yɛn nie: Wɔse: Yɛn deɛ, yɛyɛ ɔsoro ne asase Nyankopɔn no nkoa, na yɛresi ɛdan a wɔsii no tetetete mfeɛ bebree yi a Israel hene kɛseɛ bi siiɛ na ɔwieeɛ no.
122 Ah 25.9 Na ɛnam sɛ yɛn agyanom yii ɔsoro Nyankopɔn no abufuo nti, na ɔde wɔn hyɛɛ Babelhene Nebukadnessar, Kaldeani no nsa, na ɔbubuu efie yi, na ɔtutuu ɔman no kɔɔ Babel.
13Esra 1.1 Nanso Babelhene Kores afe a ɛdi kan no mu, Ɔhene Kores hyɛɛ sɛ wɔnsi Nyankopɔn fie yi.
14Esra 1.8 Na Nyankopɔn fie sika ne dwetɛ nnwinneɛ a Nebukadnessar fa firii asɔredan a ɛwɔ Babel no mu no nso, Ɔhene Kores fa de firii Babel asɔredan no mu, na ɔde hyɛɛ obi a wɔfrɛ no Sesbasar a ɔhyɛɛ no amrado no nsa,
15na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Fa nnoɔma yi kɔ, na fa kɔsie asɔredan a ɛwɔ Yerusalem no mu, na ma wɔnsi Nyankopɔn dan no wɔ ne siberɛ.
16Ɛnna Sesbasar yi ara ba bɛhyɛɛ Nyankopɔn dan a ɛwɔ Yerusalem no aseɛ, na ɛfiri berɛ no soɔ de bɛsi sɛsɛɛ yi wɔde resi ara, na wɔnwiee.
17Na afei, sɛ ɛyɛ wɔ ɔhene ani so a, ma wɔnhwehwɛ ɔhene adekora fie a ɛwɔ Babel no mu, sɛ ɛwom sɛ Ɔhene Kores na ɔhyɛɛ sɛ wɔnsi Nyankopɔn dan yi Yerusalem anaa, na ɔnsoma mma wɔmmɛka deɛ ɔhene pɛ wɔ yei ho nkyerɛ yɛn.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.