1 Berɛsosɛm 4 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Yuda asefoɔ

1 agya, ɛfiri sɛ na wɔyɛ adwumfoɔ.

15Num 13.6; 14.6 Na Yefune ba Kaleb mma ne: Iru, Ela ne Naam; na Ela ba ne: Kenas.

16Na Yehalelel mma ne: Sif ne Sifa, Tiria ne Asarel.

17Na Esra mma ne: Yeter, Mered, Efer ne Yalon; na Mered yere woo Miriam, Samai ne Yisba a na ɔyɛ Estemoa agya.

18Na ne yere a ɔyɛ Yudani woo Yered a ɔyɛ Gedor agya ne Heber a ɔyɛ Soko agya ne Yekutiel a ɔyɛ Sanoa agya. Na yeinom ne Farao babaa Bitia a Mered waree no no mma.

19Na Hodia yere a ɔyɛ Naham nuabaa mma ne: Garmini Keila agya ne Maakani Estemoa agya.

20Na Simon mma ne: Amnon ne Rina, Ben-hanan ne Tilon. Na Yisi mma ne: Sohet ne Ben-sohet.

211 Be 2.3 Yuda ba Sela mma nie: Er a ɔyɛ Leka agya ne Lada a ɔyɛ Maresa agya ne Bet-asbea nwera adwumfoɔ mmusua,

22ne Yokim ne Koseba mmarima ne Yoas ne Saraf a wɔyɛ efiewuranom, Moab ne Yasubi-Lehem; (na nsɛm yi yɛ adada).

23Wɔn ne nkukunwomfoɔ ne wɔn a wɔte Netaim ne Gedera wɔ ɔhene nkyɛn, n’adwumam hɔ na wɔteɛ.

Simeon asefoɔ

24 Gye 46.10 Simeon mma ne: Nemuel ne Yamin, Yarib, Sera ne Saulo;

25ne ba Salum, ne ba Mibsam, ne ba Misma.

26Na Misma mma ne: Ne ba Hamuel, ne ba Sakur, ne ba Simei.

27Na Simei wɔ mmammarima dunsia ne mmabaa nsia; na ne nuanom nni mma bebree, na wɔn abusua nyinaa ase ankyene sɛ Yuda mma.

28Yos 19.2-8 Na wɔtenaa Beer-seba, Molada, Hasar-saulo,

29Bilha, Esem, Tolad,

30Betuel, Horma, Siklag,

31Bet-markabot, Hasar-susim, Bet-biri ne Saaraim. Yeinom ne wɔn nkuro bɛduruu Dawid ahennie so.

32Na wɔn nkuraa ne Etam, Ain, Rimon, Token ne Asan, nkuro nnum,

33ne wɔn nkuraa a ɛwowɔ nkuro yi nyinaa ho de kɔsii Baal. Yei ne wɔn tenabea ahodoɔ ne wɔn mmusua nkaneeɛ.

34Na Mesobab, Yamlek, Amasia ba Yosa,

35Yoel ne Asiel ba Seraia ba Yosibia ba Yehu,

36ne Elioenai, Yaakoba, Yesohaia, Asaia, Adiel, Yesimiel, Benaia,

37ne Semaia ba, Simri ba, Yedaia ba, Alon ba, Sifi ba Sisa,

38yeinom a wɔabobɔ wɔn din yi yɛ wɔn mmusua mu mmapɔmma, na wɔn mpanimfie trɛɛ pii pa ara.

39Na wɔsii mu kɔɔ deɛ wɔnam kɔ Gedor, bonhwa no apueeɛ fam sɛ wɔrekɔhwehwɛ adidibea ama wɔn nnwan.

40Ate 18.7 Na wɔhunuu adidibea frɔmfrɔm a ɛyɛ, na asase no mu trɛ tɛtrɛɛ, na ɛso dwo komm; na wɔn a wɔtete hɔ kane no firi Ham.

412 Ah 18.1 Ɛnna yeinom a wɔatwerɛ wɔn din no kɔeɛ, Yudahene Hesekia berɛ so, kɔtoaa Maonfoɔ a wɔhunuu wɔn hɔ no ne wɔn ntomadan, na wɔsɛee wɔn pasapasa de bɛsi nnɛ, na wɔtenatenaa wɔn ananmu, ɛfiri sɛ na adidibea wɔ hɔ ma wɔn nnwan.

42Na Simeon mma no ara mu mmarima ahanum firii wɔn mu sii mu kɔɔ Seir bepɔ so, na Pelatia ne Nearia ne Refaia ne Usiel a wɔyɛ Yisi mma di wɔn anim.

431 Sa 15.3, 8 Na wɔkɔkunkum Amalek adwanefoɔ no nkaeɛ, na wɔtenaa hɔ de bɛsi nnɛ.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help