1Hwɛ, m’ani ahunu ne nyinaa, m’aso nso ate, na ate aseɛ;
2 Hiob 12.3 deɛ monim no, me nso menim.
Mentɔ mu wɔ mo mu.
3Me deɛ, mepɛ sɛ anka me ne Otumfoɔ no mmom bɛkasa,
na mehwehwɛ sɛ me ne Onyankopɔn bɛyiyi nsɛm ano.
4Na mo deɛ, moyɛ atorofoɔ mapa,
ayaresafoɔ ahuhufoɔ ne mo nyinaa.
5 Mmb 17.28 Sɛ momua mo ano mmom koraa a,
anka ɛyɛ mo nyansa.
6Montie me nkurobɔ,
na monyɛ aso mma m’anoyie.
7Mobɛka deɛ ɛntene ama Onyankopɔn,
na mode nnaadaa aka ama no anaa?
8Mobɛgye ne ti,
anaasɛ mobɛham ama Onyankopɔn?
9Ɔhwehwɛ mo mu a, ɛbɛsi yie,
anaasɛ mobɛdaadaa no sɛdeɛ wɔdaadaa ɔdasani?
10Sɛ mohwɛ nnipa anim kokoa mu a,
ɔbɛka mo anim ampa.
11Ne kɛseyɛ rentu mo akoma,
na ne ho hu mma mo so?
12Mo kasammebuo yɛ nso mmebusɛm,
mo anoyie yɛ dɔteɛ anoyie.
13Mommua mo ano mfiri me so, na me ara menkasa,
na deɛ ɛbɛba me soɔ mmra.
14Adɛn nti na memfa me honam mentua me se ano,
na memfa me kra mento me nsam?
15Sɛ ɔreku me mpo a, mehwɛ ɔno ara;
mede me nsɛm bɛto n’anim.
16Yei ara nso na ɛbɛyɛ me nkwagyeɛ,
ɛfiri sɛ ɔbɔnefoɔ remma n’anim.
17Montie, montie deɛ mewɔ meka,
na m’asɛm nkyerɛaseɛ nhyɛne mo aso mu.
18Hwɛ, masiesie m’asɛm mato hɔ,
menim sɛ me na mɛdi bem.
19Hwan ne deɛ ɔne me bɛham?
Ɛnneɛ anka mɛyɛ komm na magyaa mu.
20Ao! AWURADE, sɛ woreyɛ adeɛ mmienu yi pɛ ama me a,
ɛno na meremfa me ho menhunta mfiri w’anim:
21 Hiob 9.34 Yi wo nsa firi me so kɔ akyirikyiri,
na mma wo ho hu nnkuta me;
22ɛno na frɛ me, na me nso mɛgye so,
anaasɛ mɛkasa, na woabua me.
23Me bɔne ne me mfomsoɔ yɛ ahe ara?
Ma menhunu me mmarato ne me bɔne.
24 Hiob 19.11 Adɛn nti na wode w’ani hunta,
na wobu me wo tamfo?
25Wobɛyi ahahan a mframa de rekorɔ ahi,
na wobɛti nkraadua a adwan?
26 Dwom 25.7 Na wotwerɛɛ me ho nsɛm yaya,
na woma medi me mmeranteberɛ mu bɔne so adeɛ.
27Wode me nan hyehyɛ ɛpa mu,
na wowɛn m’akwan nyinaa,
wotwa m’anammɔn ho hyeɛ.
28Na onipa deɛ, ɔporɔ sɛ dufɔkyeɛ,
sɛ ntoma a nweweboaa redie.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
