Yona 4 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Yona abufuo ne n’atenetene

1Na asɛm yi anyɛ Yona dɛ koraa, na ne bo fui.

2Eks 34.6 Na ɔbisaa AWURADE sɛ: Ao, AWURADE! ɛnyɛ m’asɛm a meda so mewɔ m’asase soɔ no mekaeɛ nie? Yei ara nti na meyɛɛ ntɛm sɛ meredwane akɔ Tarsis, ɛfiri sɛ menim sɛ wo deɛ, woyɛ Onyankopɔn ɔdomfoɔ ne mmɔborɔhunufoɔ, wo bo kyɛre fu na w’adɔeɛ dɔɔso, na wosesa w’adwene wɔ mmusuo a wode reba ho.

31 Ah 19.4 Na afei, AWURADE, gye me kra firi me nsam ɛ, na ɛyɛ ma me sɛ mɛwu sene sɛ mɛtena ase.

4Yona 4.9 Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛyɛ sɛ wo bo fu anaa?

5Na Yona firii adi firii kuro no mu, na ɔkɔtenaa kuro no apueeɛ, na ɔbɔɔ sese hɔ, na ɔtenaa aseɛ enwunu no mu sɛ ɛnkɔsi sɛ ɔbɛhunu adekodeɛ a ɛbɛyɛ kuro no.

6Na AWURADE Nyankopɔn siesiee adedenkruma, na ɛfefɛ kataa Yona so maa n’atifi nyaa enwunu, sɛ ɛnyi no mfiri n’ahohiahia no mu. Na Yona ani gyee adedenkruma no ho kɛseɛ.

7Na adeɛ kyeeɛ a owia reba abɛpue no, Onyankopɔn siesiee aboaa bi maa no fitii adedenkruma no mu maa no poe.

8Na ɛbaa sɛ owia pueeɛ no, Onyankopɔn siesiee apueeɛ mframa a emu yɛ hyeɛ, na owia bɔɔ Yona atifi maa no tɔɔ piti. Na ɔsrɛɛ sɛ anka ɔnwu, na ɔse: Owuo yɛ ma me sene nkwa.

9 Yona 4.4 Ɛnna Onyankopɔn ka kyerɛɛ Yona sɛ: Ɛyɛ sɛ wo bo fuu adedenkruma no ho anaa? Na Yona buaa sɛ: Aane ɛyɛ sɛ me bo fu de kɔ owuo mu.

10Na AWURADE kaa sɛ: Wo deɛ, adedenkruma no asɛm no yɛ wo ya, nso wonyɛɛ ɛho adwuma biara, na ɛnyɛ wo na womaa no nyiniiɛ, na ɛbaa anadwo koro na ɛsɛee anadwo koro.

11Yona 3.3 Na me deɛ, Ninewe kuro kɛseɛ a nnipa bɛboro ɔpeha aduonu a wɔnnim nifa ne benkum ne afieboa pii nso wɔ mu no deɛ renyɛ me ya anaa?

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help