Mmebusɛm 16 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Onyankopɔn hunu nnipa nneyɛɛ

1Akoma mu nhyehyɛɛ yɛ onipa dea,

na tɛkyerɛma mmuaeɛ firi AWURADE.

2 Mmb 21.2 Onipa akwan nyinaa so te n’ani so,

na ahonhom karifoɔ ne AWURADE.

3 Dwom 37.5 Fa wo nnwuma hyɛ AWURADE nsa,

na wo nhyehyɛɛ bɛtim.

4AWURADE yɛ ade nyinaa ma botaeɛ bi nti,

ɔbɔnefoɔ mpo ma da bɔne.

5 Mmb 11.21 Obiara a ɔyɛ akoma mu dwɛɛ yɛ AWURADE akyiwadeɛ,

ampa ara, ne ho renyɛ tɔtorɔtɔɔ.

6Wɔde adɔeɛ ne nokorɛ kata amumuyɛ so,

na wɔde AWURADE suro kwati bɔne.

7 Gye 31.24; 33.4 Sɛ onipa akwan sɔ AWURADE ani a,

ɔma n’atamfo mpo ne no ntam ba asomdwoeɛ.

8 Mmb 15.16 Tenenee mu ade ketewa yɛ

sene nnɔbaeɛ pii a ɛmfiri tenenee mu.

9 Mmb 19.21 Onipa akoma na ɛdwene ne kwan ho,

na AWURADE na ɔsisi n’anammɔn.

10Nkɔmhyɛ wɔ ɔhene anomu,

atemmuo mu nso n’ano mfom.

11 Mmb 11.1 Abrammoɔ ne nsania tee yɛ AWURADE dea,

fotoɔ mu aboɔ nyinaa yɛ ne nnwuma.

12 Mmb 20.28; 25.5; 29.14 Ahemfo akyiwadeɛ ne abɔnefosɛm die,

na tenenee mu na akonnwa tim.

13Ahemfo anisɔdeɛ ne ano tenenee,

na deɛ ɔka deɛ ɛtene no, wɔdɔ no.

14 Mmb 20.2 Ɔhene anibereɛ yɛ owuo abɔfoɔ,

na ɔba nyansafoɔ pata no.

15 Mmb 19.12 Ɔhene animteɛ mu na nkwa wɔ,

na n’anisɔ te sɛ bereamporɔberɛ mu mununkum.

16 Mmb 3.14; 8.10—11.19 Sɛdeɛ nyansanya yɛ sene sika fa!

ne nhunumunya sɛ wɔyi sene dwetɛ.

17Teefoɔ tempɔn ne bɔne kwatie,

deɛ ɔhwɛ ne kwan kora ne kra.

18 Mmb 18.12 Ahantan di ɔsɛeɛ anim,

na dwɛɛ honhom di asehweɛ kan.

19Ɛyɛ sɛ wo ne mmɔborɔfoɔ nya ahobrɛaseɛ honhom

sene sɛ wo ne ahokyerɛfoɔ bɛkyɛ asadeɛ.

20Deɛ ɔdwene asɛm soɔ no hunu papa,

na nhyira ne deɛ ɔde ne ho to AWURADE soɔ.

21Wɔfrɛ akoma mu nyansafoɔ sɛ nhunumufoɔ,

na ano dɛdɛ ma adenim dɔ.

22 Mmb 13.14; 14.27 Nimdeɛ yɛ nkwa nsutire ma deɛ ɔwɔ,

na agyimifoɔ deɛ, wɔn asotwe ne wɔn agyimisɛm.

23Onyansafoɔ akoma kyerɛ n’ano nimdeɛ,

na ɛma adenim dɔ wɔ n’anomu.

24 Mmb 12.25 Nsɛm a ɛyɛ dɛ yɛ ɛwoɔkyɛm,

ɔkra adɔkɔdɔkɔwadeɛ ne nnompe nkwahosan.

25 Mmb 14.12 Ɛwɔ ɔkwan bi a ɛtene wɔ onipa ani soɔ,

na mmom n’awieeɛ yɛ owuo kwan.

26 Mmb 18.7 Odwumayɛni kɔm yɛ adwuma ma no,

ɛfiri sɛ n’ano piapia no.

27Obusuyɛfoɔ bɔre bɔne,

na n’ano te sɛ ogya a ɛhyehyeɛ.

28 Mmb 6.14, 19 Onipa kontonkyi hyɛ takrawɔgyam,

na asomsɛmkani tete nnamfo ntam.

29 Mmb 1.10-14 Omimdifoɔ sisi ne yɔnko,

na ɔde no fa kwan a ɛnyɛ so,

30 Mmb 6.13 ɔmua n’ani dwene akontonkyisɛm ho,

ɔwe n’ano wie bɔneyɛ.

31 Mmb 20.29 Abotire a ɛyɛ fɛ ne ɛdwono,

wɔhu no tenenee kwan so.

32 Mmb 14.29 Deɛ ne bo kyɛre fuo no yɛ sene dɔmmarima,

na deɛ ɔdi ne honhom soɔ no sene deɛ ɔko fa kuro.

33Srɛ so na wɔtwe tonto,

na atemmuo nyinaa firi AWURADE.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help