Yesaia 26 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Nyankopɔn man no anidasoɔ

1 Yes 60.18 Ɛda no na wɔbɛto dwom yi Yuda asase soɔ sɛ:

Kuro a ɛyɛ den wɔ yɛn,

ɔde nkwagyeɛ ayɛ

afasuo ne epie.

2 Dwom 118.19 Monhini apono no

na tenenee man a wɔkora gyidie no nhyɛne mu.

3Deɛ n’adwene tim wo soɔ

na wobɛkora no asomdwoeɛ a ɛdi mu mu,

ɛfiri sɛ wo so na ɔde ne ho toɔ.

4 Deut 32.4 Momfa mo ho nto AWURADE so daa daa,

ɛfiri sɛ AWURADE Nyankopɔn

ne daa botan.

5Na ɔde wɔn a wɔtete soro ahwe fam,

kuro a ɛkorɔn no,

wabrɛ no ase;

wabrɛ no ase ama no aduru fam,

wama no aka fam mfuturo;

6wɔde nan tiatia so,

mmɔborɔfoɔ nan,

ahiafoɔ anammɔn no.

7Ɔteneneeni kwan yɛ tee,

wo na wototo ɔteneneeni tempɔn.

8 Dwom 37.4 Nso w’atemmuo kwan so

na yɛhwɛ wo AWURADE kwan,

yɛn kra ani gyina

wo din ne wo nkaeɛ.

9Me kra ani gyina wo anadwo,

aane, me mu honhom nso, mede mefe wo,

na sɛ w’atemmuo ka asase a,

wiasefoɔ sua tenenee.

10Sɛ wɔdom ɔbɔnefoɔ a,

ɔnsua tenenee;

nsɛntenenee asase so na ɔdi amumuyɛsɛm,

na ɔnhunu AWURADE kɛseyɛ.

11O AWURADE, womaa wo nsa so,

nanso wɔnhunu;

ma wɔnhu wo man anem, na wɔn ani nwu;

ma w’atamfoɔ ho nimkuntwe nhye wɔn sɛ ogya.

12AWURADE, wobɛhyehyɛ asomdwoeɛ ama yɛn,

na yɛn nneyɛɛ nyinaa nso, woawie ama yɛn.

13O AWURADE, yɛn Nyankopɔn,

awuranom a ɛnyɛ woɔ abɛdi yɛn so,

nanso wo nko ara na yɛkamfo wo din.

14Wɔawuwu na wɔrentena ase;

nsamanfoɔ ne wɔn, wɔrensɔre bio;

ɛno nti na wobɛtwee wɔn aso sɛee wɔn

na womaa wɔn ho nkaeɛ nyinaa yeraeɛ.

15O AWURADE, woama ɔman no adɔre,

woama ɔman no adɔre, w’anim aba nyam,

woatrɛ asase no ahyeɛ nyinaa mu.

16 Yes 28.19; Hos 5.15 O AWURADE, ahohia mu wɔhwehwɛɛ wo,

wɔbɔɔ mpaeɛ

berɛ a woreka wɔn anim no.

17 Yoh 16.21; Adi 12.2 Sɛdeɛ onyinsɛnfoɔ

a ɔbɛn awoɔ

kyem na ɔtea mu ne yea mu no,

sɛdeɛ yɛteɛ, wo, AWURADE, anim ne no;

18 Mika 4.10 yɛnyinsɛnee, yɛkyemee;

ɛte sɛdeɛ yɛawo mframa.

Yɛntumi nnyee asase nkwa,

na wiasefoɔ nyinaa ahwehwe ase.

19 Hes 37.1-14; Adi 20.12 W’awufoɔ bɛnya nkwa,

wɔn afunu bɛsɔre;

monnyane nto ahurisie dwom,

mo a mote mfuturo mu!

Na wo bosuo yɛ hann bosuo,

na asase bɛyi nsamanfoɔ agu.

20 Dwom 57.1 Me man, kɔ na kɔhyɛne wo mpia mu,

na toto w’akyiri apono mu;

fa wo ho hunta kakraa bi

kɔsi sɛ abufuo no bɛtwam akorɔ.

21Na hwɛ, AWURADE refiri n’afa

akɔtwe asase sofoɔ aso, wɔn amumuyɛ nti.

Na asase bɛyi ne mogya adi,

na ɛrenkata wɔn a wɔaku wɔn ɛsoɔ no so bio.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help