1 2 Be 5 Ɛno na Salomo hyiahyiaa Israel mpanimfoɔ ne mmusuakuo mu atitire, Israel mma agyanom mmapɔmma nyinaa baa Ɔhene Salomo nkyɛn wɔ Yerusalem, sɛ wɔrekɔ akɔfa AWURADE apam adaka no afiri Dawid kuro Sion mu aba.
2Na Israel mmarima nyinaa bɛhyiaa Ɔhene Salomo nkyɛn bosome Etanim a ɛyɛ bosome a ɛtɔ so nson (a ɛte sɛ Ahinime) no mu nnapɔnna no mu.
3Na Israel mpanimfoɔ nyinaa bae, na asɔfoɔ no bɛsoaa adaka no.
4Na wɔde AWURADE adaka no ne ahyiaeɛ ntomadan no ne kronkronbea nnoɔma a ɛwɔ ntomadan no mu no nyinaa bae, asɔfoɔ ne Lewifoɔ no na wɔde foro baeɛ.
5Na Ɔhene Salomo ne Israel asafo a wɔabɛhyia ne nkyɛn no nyinaa ne no dii adaka no anim kunkumm nnwan ne anantwie a wɔn dodoɔ nti wɔntumi nkan mmu ano bɔɔ afɔdeɛ.
6Na asɔfoɔ no de AWURADE apam adaka no bɛsii n’afa, ɛdan no mpiakyire a ɛne kronkronkronbea no mu, kerubim no ntaban ase.
7Na kerubim no atrɛtrɛ wɔn ntaban mu, adaka no afa no so, na kerubim no kataa adaka no ne ɛho nnua no so.
8Eks 25.13-15 Na nnua no woware maa wɔhunuu nnua no ti kronkronbea hɔ wɔ mpiakyire no anim; na wɔnhu no adihɔ, na ɛwɔ hɔ de bɛsi nnɛ.
9Heb 9.4 Biribiara nni adaka no mu, gye aboɔ apono mmienu a Mose de guu mu Horeb, berɛ a wɔfiri Misraim asase so reba a AWURADE ne Israelfoɔ pameeɛ no.
10Na asɔfoɔ no firii kronkronbea hɔ firii adie no, mununkum bɛhyɛɛ AWURADE dan no ma.
11Eks 40.34-35 Na mununkum no nti amma asɔfoɔ no antumi annyina ansom, ɛfiri sɛ na AWURADE animuonyam ahyɛ AWURADE dan no ma.
12 2 Be 6.1-40 Ɛno na Salomo kaa sɛ:
AWURADE de owia asi soro, nanso ɔbɛtena esum kabii mu.
13Sie na masi ɛdan mayɛ no tenabea mama woɔ,
baabi a wobɛtena hɔ daa.
Salomo kasa kyerɛ Ɔman no(2 Berɛsosɛm 6.3-11)14Na ɔhene danee n’ani, na ɔhyiraa Israel asafo no nyinaa, na Israel asafo no nyinaa gyinagyina hɔ.
15Na ɔkaa sɛ: Nhyira nka AWURADE, Israel Nyankopɔn a ɔde n’ano kasa kyerɛɛ m’agya Dawid, na ɔde ne nsa ama no aba mu sɛ:
16Ɛfiri da a mekɔyii me man Israel firii Misraim baeɛ no, manyi Israel mmusuakuo nyinaa mu kuro bi sɛ wɔnsi ɛdan, na me din ntena hɔ; na mafa Dawid sɛ ɔnni me man Israel so.
172 Sa 7 Na ɛwɔ m’agya Dawid akoma mu sɛ anka ɔbɛsi ɛdan ama AWURADE Israel Nyankopɔn din.
18Na AWURADE ka kyerɛɛ m’agya Dawid sɛ: Sɛ ɛwɔ w’akoma mu sɛ anka wobɛsi ɛdan ama me din yi, woayɛ no yie deɛ,
19nanso ɛnyɛ wo na wobɛsi ɛdan no, na mmom wo ba a ɔfiri w’asene mu, ɔno na ɔbɛsi ɛdan ama me din.
20Na AWURADE ama n’asɛm a ɔkaeɛ no atim, na masɔre masi m’agya Dawid ananmu, atena Israel ahennwa so, sɛdeɛ AWURADE kaeɛ no, na masi ɛdan no mama AWURADE, Israel Nyankopɔn din,
21na mayɛ hɔ afa bi mama adaka a apam a AWURADE de yɛn agyanom firi Misraim asase so reba no, ɔne wɔn pameeɛ no wɔ mu no.
Salomo Mpaebɔ(2 Berɛsosɛm 6.12-42)22Na Salomo gyinaa AWURADE afɔrebukyia anim, Israel asafo nyinaa anim, na ɔtrɛɛ ne nsam kɔɔ soro
23kaa sɛ: AWURADE, Israel Nyankopɔn, Onyankopɔn bi nni ɔsoro a ɛwɔ atifi ne asase so ɛfam, sɛ wo a wokora apam ne adɔeɛ ma wo nkoa a wɔde wɔn akoma nyinaa nante w’anim no.
24Wo na woakora deɛ woka kyerɛɛ w’akoa m’agya Dawid no ama no; wode w’ano na ɛkaeɛ, na wode wo nsa ama no aba mu, sɛdeɛ ɛteɛ nnɛ yi.
25Na afei, AWURADE, Israel Nyankopɔn, kora deɛ woaka akyerɛ w’akoa m’agya Dawid so no ma no, sɛdeɛ wokaa sɛ: Wɔremma onipa a ɔbɛtena Israel ahennwa soɔ mmmɔ no wo m’anim, hwɛ nko na wo mma nhwɛ wɔn kwan, sɛ wɔbɛnante m’anim sɛdeɛ wonantee m’anim no.
26Na afei, Israel Nyankopɔn, ma wo nsɛm a woka kyerɛɛ w’akoa m’agya Dawid no ntim ɛ!
27 Yes 66.1; Aso 7.49; 17.24 Na ampa sɛ Onyankopɔn bɛtena asase so anaa? Hwɛ, ɔsoro ne ɔsoro mu soro ntumi nkora wo, na nkantom ɛdan yi a masie yi!
28Nanso dane w’ani kyerɛ w’akoa mpaebɔ ne ne nkotosrɛ, AWURADE me Nyankopɔn, na tie nteamu ne mpaeɛ a w’akoa rebɔ no w’anim nnɛ yi,
29Sak 12.4; Eks 20.24; Deut 12.5, 11 sɛ wobɛbue w’ani akyerɛ ɛdan yi anadwo ne awia, sɛdeɛ wokaa sɛ: Me din bɛtena hɔ no, na woatie mpaeɛ a w’akoa rebɔ kyerɛ ha yi.
30Na tie w’akoa ne wo man Israel nkotosrɛ a wɔde rebɔ mpaeɛ ha yi, na wo deɛ, tie no wo tenabea ɔsoro, na wote a, fa kyɛ!
31Sɛ obi yɛ ne yɔnko bɔne na wɔde ntam gye no sɛ ɔnka, na ntam no ba w’afɔrebukyia anim efie yi mu a,
32ɛnneɛ wo ara tie wɔ ɔsoro, na yɛ, na bu wo nkoa atɛn, sɛ wobɛbu ɔbɔnefoɔ fɔ ama ne kwan abua n’atifi, na woabu ɔteneneeni bem ama no sɛdeɛ ne tenenee teɛ.
33Sɛ wɔka wo man Israel gu wɔn atamfoɔ anim, sɛ wɔayɛ wo bɔne nti, na wɔsane ba wo nkyɛn bɛbɔ wo din, na wɔbɔ wo mpaeɛ na wɔkoto srɛ wo efie yi mu a,
34ɛnneɛ wo ara tie wɔ ɔsoro, na fa wo man Israel bɔne kyɛ, na sane wɔn bra asase a wode maa wɔn agyanom no so.
35Sɛ wɔto ɔsoro mu na osuo ntɔ, sɛ wɔayɛ wo bɔne nti, na wɔbɛbɔ mpaeɛ kyerɛ wɔ ha yi na wɔbɔ wo din, na wɔsane firi wɔn bɔne no ho, sɛ wɔabrɛ wɔn ase nti a,
36ɛnneɛ wo ara tie wɔ ɔsoro, na fa wo nkoa ne wo man Israel bɔne kyɛ, na kyerɛ wɔn ɔkwan pa a wɔmfa soɔ, na ma osuo ntɔ ngu w’asase a wode maa wo man sɛ agyapadeɛ no so.
37Sɛ ɛkɔm ba asase yi so oo, ɔyaredɔm ba oo, ɛhoɔ, ɛpoɔ, ntutummɛ, mmɛbɛ ba oo, sɛ wɔn atamfoɔ bɛhiahia wɔn ho wɔn kuro apono asase so oo, ɔhaw biara oo, yadeɛ biara oo,
38mpaebɔ biara, nkotosrɛ biara a onipa biara anaa wo man Israel nyinaa wɔ no, sɛ obiara bɛhunu n’akoma mu yea, na ɔbɛtrɛ ne nsa mu kyerɛ efie yi a,
39Dwom 7.9; 139.1-2 wo ara tie wɔ ɔsoro, wo tenabea hɔ na fa kyɛ, na yɛ ma onipa no sɛdeɛ n’akwan nyinaa teɛ, sɛdeɛ wohunu n’akomam no; na wo ara wo nko na wonim nnipa mma nyinaa akoma mu,
40deɛ ɛbɛyɛ na wɔasuro woɔ, nna a wɔde bɛtena asase a wode maa yɛn agyanom no soɔ no nyinaa.
41 Num 15.14-16 Afei nso, ɔhɔhoɔ a ɔmfiri wo man Israel mu na wo din nti ɔfiri akyirikyiri asase bi so aba,
42(ɛfiri sɛ wɔbɛte wo din kɛseɛ ne wo nsa denden ne wo basa a woama so no nka), sɛ ɔba bɛbɔ mpaeɛ kyerɛ ɛdan yi a,
43wo ara tie wɔ ɔsoro, wo tenabea hɔ, na yɛ sɛdeɛ ɔhɔhoɔ no su frɛ woɔ no nyinaa, deɛ ɛbɛyɛ na asase so aman nyinaa ahunu wo din na wɔasuro woɔ, sɛ wo man Israel, na wɔahunu sɛ, wo din na wɔde frɛ ɛdan a masie yi.
44Sɛ wo man firi adi ne wɔn atamfoɔ kɔdi ako, ɔkwan a wobɛsoma wɔn so, na wɔbɔ AWURADE mpaeɛ kyerɛ kuro a woayie ne ɛdan a masi mama wo din yi a,
45ɛnneɛ tie wɔn mpaebɔ ne wɔn nkotosrɛ wɔ ɔsoro, na di wɔn asɛm ma wɔn.
46 Rom 3.23 Sɛ wɔyɛ wo bɔne — ɛfiri sɛ onipa biara nni hɔ a ɔnyɛ bɔne, — na wofa wɔn abufuo, na woyi wɔn ma wɔn atamfoɔ, na ɛdɔm soa wɔn nnommum kɔ atamfoɔ asase so akyirikyiri oo, mmɛnkyɛneeɛ oo,
47na wɔma no ka wɔn akoma, asase a wɔafa wɔn nnommum kɔ hɔ no so, na wɔdane wɔn ho, na wɔkoto srɛ wo wɔn nnommumfafoɔ asase no so ka sɛ: Yɛayɛ bɔne na yɛafom, yɛadi abɔnefosɛm,
48na wɔde wɔn akoma nyinaa ne wɔn kra nyinaa sane ba wo nkyɛn, wɔn atamfoɔ a wɔfaa wɔn nnommum kɔeɛ no asase so, na wɔbɔ wo mpaeɛ kyerɛ wɔn asase a wode maa wɔn agyanom no, kuro a woayie ne ɛdan a masi mama wo din yi a,
49ɛnneɛ tie wɔn mpaebɔ ne wɔn nkotosrɛ wɔ ɔsoro, wo tenabea hɔ, na di wɔn asɛm ma wɔn,
50na fa wo man bɔne a wɔayɛ woɔ ne wɔn mmarato a wɔato afom woɔ no nyinaa kyɛ wɔn, na ma wɔnnya wɔn nnommumfafoɔ no anim mmɔborɔhunu, na wɔnhu wɔn mmɔbɔ.
51Ɛfiri sɛ wɔyɛ wo man ne w’agyapadeɛ a woyii wɔn Misraim firii dadeɛ fononoo mu de wɔn baeɛ no,
52na bue w’ani ma w’akoa nkotosrɛ ne wo man Israel nkotosrɛ, na tie wɔn deɛ wɔsu frɛ woɔ no nyinaa mu.
53Na wo AWURADE Nyankopɔn, wo ara na woyii wɔn yɛɛ agyapadeɛ firii asase so aman nyinaa mu, sɛdeɛ wonam w’akoa Mose so kaeɛ ɛberɛ a woyii yɛn agyanom firii Misraim baeɛ no.
54Na Salomo wiee mpaeɛ a ɔbɔɔ AWURADE ne nkotosrɛ yi nyinaa no, ɔsɔre firii afɔrebukyia no anim, na ɔgyaee ne nankoroma anim kotoɔ ne ne nsam trɛ a ɔtrɛ kyerɛɛ ɔsoro no.
552 Sa 6.18 Na ɔgyinaa hɔ de nne kɛseɛ hyiraa Israel asafo no nyinaa sɛ:
56Yos 21.45 Nhyira ne AWURADE a wama ne man Israel ahome. N’asɛmpa a ɔnam n’akoa Mose so kaeɛ no nyinaa mu asɛm baako mpo antɔ fam.
57AWURADE yɛn Nyankopɔn nni yɛn akyi, sɛdeɛ ɔdii yɛn agyanom akyire no, ɔnnnya yɛn, na ɔmmpa yɛn nso.
58Na ɔnkom yɛn akoma mmra ne so, na yɛanante n’akwan nyinaa mu, na yɛadi ne mmara nsɛm ne n’ahyɛdeɛ ne n’atemmudeɛ a ɔhyɛɛ yɛn agyanom no so.
59Na ma me nsɛm a mede mekoto mesrɛ AWURADE anim yi mmɛn AWURADE yɛn Nyankopɔn awia ne anadwo, na ɔnni n’akoa asɛm ne ne man Israel asɛm mma wɔn, sɛdeɛ ɛhia da biara,
60na asase so aman nyinaa nhunu sɛ: AWURADE ne Onyankopɔn, na obiara nni hɔ bio.
61Na momma mo akoma nni mu AWURADE yɛn Nyankopɔn anim, sɛ mobɛnante n’ahyɛdeɛ soɔ, na moadi ne mmara nsɛm soɔ sɛdeɛ ɛteɛ nnɛ yi.
Wɔtu Asɔredan no hyɛ AWURADE nsa(2 Berɛsosɛm 7.4-10)62 2 Be 7.4-10 Ɛnna ɔhene ne Israel nyinaa bɔɔ mu bɔɔ afɔdeɛ AWURADE anim.
63Na Salomo de anantwie mpem aduonu mmienu ne nnwan mpem ha aduonu bɔɔ asomdwoeɛ afɔdeɛ maa AWURADE. Na saa na ɔhene ne Israelfoɔ nyinaa dwiraa AWURADE fie.
64Da no ara ɔhene yɛɛ AWURADE dan no anim abannwa no kronkron, na ɛhɔ na ɔhyee ɔhyeɛ afɔdeɛ ne aduane afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ ho sradeɛ no, ɛfiri sɛ kɔbere mfrafraeɛ afɔrebukyia a ɛsi AWURADE anim no sua dodo sɛ wɔbɛhye ɔhyeɛ afɔdeɛ ne aduane afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ ho sradeɛ no wɔ so.
65Na Salomo dii nnapɔnna no ɛberɛ no mu, na Israel nyinaa ka ne ho, asafo kɛseɛ, wɔfiri deɛ wɔrekɔ Hamat de bɛsi Misraim subonhwa ano, wɔdii AWURADE yɛn Nyankopɔn anim nnapa nnanson.
66Da a ɛtɔ so nwɔtwe no, ɔgyaa ɔman no kwan maa wɔkɔe; na wɔhyirahyiraa ɔhene, na wɔde papa a AWURADE ayɛ ama n’akoa Dawid ne ne man Israel nyinaa no ho anigyeɛ ne akoma pa sii mu kɔɔ wɔn afie mu.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.