1Wo na mema m’ani so mehwɛ woɔ,
wo a wote soro no,
2Hwɛ, sɛdeɛ nkoa
ani hwɛ wɔn wura nsa ano,
sɛ afenaa
ani hwɛ n’awuraa nsa ano no,
sɛ yɛn ani hwɛ AWURADE yɛn Nyankopɔn ne no,
kɔsi sɛ ɔbɛdom yɛn.
3Hu yɛn mmɔbɔ, AWURADE bɛhu yɛn mmɔbɔ,
na aniwuhyɛ afono yɛn dodo.
4Taamudifoɔ fɛdie
ne ahantanfoɔ aniwuhyɛ
afono yɛn kra dodo.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
