1Nnwom mu dwom a ɛyɛ Salomo deɛ.
2Ma no mfa n’ano mfeano mfe m’ano,
na wo dɔ yɛ sene bobesa.
3Wo sradehwam yi hwa pa,
ngohwam a wɔahwie ne wo din,
ɛno nti na mmabaa dɔ woɔ no.
4Twe me di w’akyi! Ma yɛnka yɛn ho nkɔ.
Ɔhene de me aba ne mpia mu.
Yɛbɛdi ahurisie na yɛn ani agye wo ho,
yɛbɛkamfo wo dɔ asene bobesa.
Tenenee so na wɔdɔ woɔ.
5O Yerusalem mmammaa,
mebiri deɛ, nanso me ho yɛ fɛ,
sɛ Kedar ntomadan,
sɛ Salomo ntwamutam.
6Monnhwɛ me haa ɛsiane sɛ mebirie nti,
ɛsiane sɛ owia akusa me nti;
Me na mmammarima bo fuu me,
wɔmaa me yɛɛ bobeturo no hwɛfoɔ,
nanso m’ankasa me bobeturo no deɛ, manhwɛ.
7Ka kyerɛ me, wo a me kra dɔ woɔ,
ɛhe na wo nnwan kɔ adidie,
ɛhe na woma wɔbutubutu awiaberɛ?
Na adɛn nti na menyɛ sɛ deɛ ɔkyini
wo mfɛfoɔ nnwankuo soɔ?
8 Nmd 5.9; 6.1 Sɛ wo deɛ, wonnim a,
O, ɔbaa a w’ahoɔfɛ da nso wɔ mmaa mu,
firi adi fa nnwan no anammɔn so,
na kɔyɛne wo mmirekyie mma,
nnwanhwɛfoɔ tenabea hɔnom.
9Me pɔnkɔbere mfrafraeɛ a ɔwɔ Farao teaseɛnam ho no ho
na mede wo metoɔ, me dɔfoɔ.
10W’afono yɛ fɛ, kona no mu,
wo kɔn nso yɛ fɛ, kompuo no mu.
11Sika nnwinneɛ kona na yɛbɛyɛ ama woɔ
ne dwetɛ mprɛngo a ɛsisi soɔ.
12Ɔhene wɔ akonnwa mpa ho no,
na me sradehwam reyi ne hwa.
13Me dɔfoɔ yɛ me kurobo mua
a ɛda me nufoɔ ntam.
14Me dɔfoɔ yɛ me sɛ ahuahaa nhwiren sia,
wɔ En-gedi bobeturo mu.
15 Nmd 2.14; 4.1, 7; 6.4 Hwɛ, wo ho yɛ fɛ, me dɔfoɔ,
hwɛ, wo ho yɛ fɛ,
w’aniwa yɛ aborɔnoma aniwa.
16 Nmd 5.16 Hwɛ, wo deɛ, wo ho yɛ fɛ, me dɔfoɔ, aane, wosɔ ani,
yɛn nnaeɛ nso yɛ frɔmfrɔm.
17Yɛn adan nsamsoɔ yɛ tweneduro,
yɛn ntaaboɔ yɛ pepeaa.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
