Mmebusɛm 7 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Adwamammɔ ne ɛso aba

1Me ba, di me nsɛm so,

na fa me mmara nsɛm sie.

2Di me mmara nsɛm so na nya nkwa,

na bu me mmara sɛ w’aniwa kurutuawisi.

3 Mmb 3.3 Fa kyekyere wo nsateaa so,

twerɛ no w’akoma pono so.

4Ka kyerɛ nyansa sɛ: Me nuabaa ne wo,

na frɛ nhunumu sɛ w’adamfo,

5 Mmb 2.16 na ahwɛ wo so afiri ɔbaa sansani ho,

afiri ɔbaa sansani a ɔka adɔkɔdɔkɔsɛm ho.

6Na mefiri me dan mpomma mu,

m’aniahunuankansa mu mehwɛe;

7na mehwɛɛ ntetekwaafoɔ mu,

mehunuu mmɔfra no mu aberantewaa bi a ɔnni tire,

8ɔperee abɔntene bɛn ne ntwea,

na ɔsene faa ne fie kwan,

9ɛberɛ a adeɛ resa, anwummerɛ,

anadwo kɔnkɔn ne sum mu.

10Na hwɛ, ɔbaa bi hyiaa no,

ɔfira adwamamfoɔ ntoma, n’akoma asene.

11Wagyigya na n’aso asoro,

ne nan ntena ne fie;

12seesei ɔwɔ mmorɔno so, seesei yi ɔwɔ edwa so,

na ɔtetɛ ntwea nyinaa so.

13Ɛnna ɔsɔɔ no mu, na ɔfee n’ano,

na ɔsenee n’ani ka kyerɛɛ no sɛ:

14 Lew 3.3-4 Asomdwoeɛ afɔrebɔ da me so,

ɛnnɛ na mama m’aboadeɛ;

15enti na mefiri mebɛhyiaa woɔ yi,

mebɛhwehwɛɛ w’anim, na mahu woɔ yi.

16Mede mmomo makata me mpa so,

Misraim nkyeremu;

17mede kurobo ne pɛprɛ ne duapapo

mapete me nnaeɛ so.

18Bra ma ɔdɔ mmee yɛn nkɔsi anɔpa,

ma yɛmfa akɔnnɔdeɛ nsɛpɛ yɛn ho.

19Na efiewura nni fie,

watu kwan kɔ akyirikyiri;

20wafa fotoɔ ne sika akura,

srane korokumatwa da mu ansa na ɔbɛba fie.

21Ɔde bradɛ pii too no,

ɔde n’ano fremfrem nyaa no de no kɔe.

22Ɔdii n’akyi awerɛfirem sɛ nantwie a wɔrekɔku no,

sɛ mpokyerɛ a wɔde twe ogyimifoɔ aso,

23kɔsii sɛ agyan hwiree ne mmerɛboɔ mu,

te sɛ anomaa de ahoɔherɛ kɔ fidie mu,

na ɔnnim sɛ ne nkwa na ɛda mu.

24Na afei, me mma, montie me,

na monyɛ aso mma m’anomu nsɛm.

25Mma w’akoma mmmane nnkɔ n’atempɔn so,

mfom nkɔ n’akwan so.

26Na wapirapira nnipa pii agugu hɔ,

na wɔn a wakunkum wɔn dɔɔso;

27 Mmb 2.18-19 ne fie ne Asamando kwan,

ɛsiane kɔ owuo mpia mu.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help