Yosua 11 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Israel nkonimdie

1Na Hasorhene Yabin teeɛ no, ɔsoma maa wɔkɔɔ Madonhene Yobab ne Simronhene ne Aksafhene nkyɛn

2ne ahemfo a wɔwɔ atifi fam mmepɔ soɔ ne Kinerot anafoɔ fam mpaperɛ so ne Dor nkokoɔ so, atɔeɛ po fam

3Kanafoɔ a wɔwɔ apueeɛ ne atɔeɛ ne Amorifoɔ ne Hetifoɔ ne Perisifoɔ ne mmepɔ so Yebusifoɔ ne Hewifoɔ a wɔwɔ Hermon bepɔ ase Mispa asase soɔ no nkyɛn.

4Na wɔn ne wɔn dɔm a ɛka wɔn ho no nyinaa firi bae, nnipa pepeankoma a wɔn dodoɔ te sɛ mpoano anwea ne apɔnkɔ ne nteaseɛnam pii pa ara.

5Na ahemfo yi nyinaa bɛhyiae, na wɔba bɛkyekyeree nsraban faako, Merom asuo ho sɛ wɔne Israel rebɛko.

6Na AWURADE ka kyerɛɛ Yosua sɛ: Nsuro wɔn na ɔkyena sɛsɛɛ berɛ yi mu, me na mɛma woaku wɔn nyinaa Israel anim. Wɔn apɔnkɔ no, twitwa wɔn nantin, na wɔn nteaseɛnam no, fa ogya hye.

7Ɛnna Yosua ne akofoɔ dɔm a wɔka ne ho no nyinaa baa wɔn soɔ mpofirim, Merom asuo no ano bɛtuaa wɔn.

8Yos 13.6 Na AWURADE de wɔn hyɛɛ Israel nsa na wɔkunkumm wɔn na wɔtaa wɔn de kɔduruu Sidon kɛseɛ ne Misrefot-maim ho ne Mispa bonhwa no mu apueeɛ fam, na wɔkunkum wɔn de kɔsii sɛ wɔannya wɔn odwanefoɔ biara.

9Na Yosua yɛɛ wɔn sɛdeɛ AWURADE ka kyerɛɛ no no, wɔn apɔnkɔ no, ɔtwitwaa wɔn nantin, na wɔn nteaseɛnam no, ɔde ogya hyee.

10Na Yosua sanee berɛ no ara mu bɛfaa Hasor, na ɔde nkrantɛ kumm ne hene. Na akane no na Hasor ne saa ahennie yi nyinaa ti.

11Na wɔde nkrantɛ ano kunkumm akra a ɛwɔ mu nyinaa sɛee wɔn pasapasa, wɔannya biribiara a ɛhome, na ɔde ogya hyee Hasor.

12Na ahemfo yi nkuro nyinaa ne emu ahemfo nyinaa, Yosua fae, na ɔde nkrantɛ ano kunkumm wɔn sɛee wɔn pasapasa, sɛdeɛ AWURADE akoa Mose hyɛeɛ no.

13Nanso nkuro a ɛda so sisi wɔn sibea no nyinaa, Israel anhyehye, gye Hasor nko na Yosua hyeeɛ.

14Na nkuro yi mu asadeɛ nyinaa ne mmoa no deɛ, Israelfoɔ no fom faeɛ; nanso nnipa no deɛ, wɔde nkrantɛ kunkumm wɔn kɔsii sɛ wɔhyee wɔn aseɛ, wɔannya biribiara a ɛhome.

15Sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ n’akoa Mose no, saa ara na Mose hyɛɛ Yosua, na saa ara na Yosua yɛeɛ; wanyi asɛm bi amfiri deɛ AWURADE hyɛɛ Mose no nyinaa mu.

16 Yos 10.41 Na Yosua faa asase yi nyinaa, mmepɔ no ne anafoɔ nyinaa ne Gosen asase nyinaa ne ɛpo ho mpaperɛ no ne mpaperɛ so ne Israel mmepɔ ne ɛho asase ta no;

17ɛfiri bepɔ a ɛso petee a ɛforo kɔ Seir ho kɔsi Baal-gad, Lebanon bonhwa no mu Hermon bepɔ ase. Na wɔn ahemfo no nyinaa Yosua faa wɔn na ɔbobɔɔ wɔn kunkumm wɔn.

18Nna bebree na Yosua ne saa ahemfo yi koeɛ.

19Yos 9.15 Kuro biara nni hɔ a wɔne Israelfoɔ dii asomdwoeɛsɛm, gye Hewifoɔ a wɔte Gibeon no; ɔsa mu na wɔfaa ne nyinaa.

20Deut 7.2 Na ɛfiri AWURADE, sɛ ɔpirim wɔn akoma sɛ wɔnkɔhyia Israel ɔko mu, na wɔasɛe wɔn pasapasa na wɔanhu wɔn mmɔbɔ, na mmom wɔasɛe wɔn sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ Mose no.

21 Num 13.22; Deut 1.28 Na Yosua baa berɛ no mu bɛtwitwaa Anakfoɔ no gu firii mmepɔ no so, firii Hebron, Debir, Anab ne Yuda mmepɔ nyinaa ne Israel mmepɔ nyinaa so, na Yosua sɛee wɔn ne wɔn nkuro nyinaa pasapasa.

221 Sa 17.4 Wɔannya Anakfoɔ Israelfoɔ no asase so; gye Gasa ne Gad ne Asdod na ebi kaeɛ.

23Yos 14.15 Na Yosua faa asase no nyinaa, sɛdeɛ AWURADE ka kyerɛɛ Mose no nyinaa; na Yosua kyekyɛɛ mu maa Israel maa no yɛɛ wɔn agyapadeɛ, sɛdeɛ wɔn nkyekyɛmu teɛ wɔn mmusuakuo no mu. Na asase no so home firii akodie mu.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help