2 Berɛsosɛm 25 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Yudahene Amasia

1 2 Ah 14.1-20 Amasia dii mfeɛ aduonu nnum na ɔbɛdii hene, na ɔdii hene mfirinhyia aduonu nkron wɔ Yerusalem. Na ne na din de Yehoadan a ɔfiri Yerusalem.

2Na ɔyɛɛ deɛ ɛtene AWURADE ani so, nanso ɛnyɛ n’akoma pɛyɛ mu.

32 Be 24.25 Na ɛbaa sɛ ahennie no timm ne nsam pɛ, ɔkunkumm ne nkoa a wɔkumm n’agya, ɔhene no.

4Deut 24.16 Na wɔn mma deɛ, wankum wɔn, sɛdeɛ wɔatwerɛ no mmara no mu, Mose nwoma mu no a AWURADE hyɛɛ sɛ: Agyanom nnwu, mma nti, na mma nso nnwu, agyanom nti, na onipa no ara bɔne nti na wɔmma no nwuo.

5Na Amasia boaboaa Yuda ano hyiae, na wɔde wɔn gyinagyinae, mpanimfie so ne mpem mpem so asafohene, ne ɔha ha so asafohene so, Yuda ne Benyamin nyinaa mu, na ɔkanee wɔn firi wɔn a wɔadi mfeɛ aduonu ne akyire so. Na ɔhunuu wɔn sɛ wɔyɛ nnipa a wɔayi wɔn mpemahasa a wɔtumi ɔsatuo kura mpea ne akyɛm.

6Nanso ɔde dwetɛ dwetikɛseɛ ɔha kɔbɔɔ Israel mu nnipa mpemha a wɔyɛ mmarima a wɔtumi wɔn ho pa ara.

7Na Nyankopɔn nipa bi baa ne nkyɛn bɛkaa sɛ: Ɔhene, mma Israel dɔm no ne wo nnkɔ, na AWURADE nni Israel, Efraim mma no nyinaa akyi;

8nanso sɛ wosusu sɛ woyɛ saa a na wobɛnya ɔko no mu ahoɔden a, Onyankopɔn bɛma woahwe ase wo tamfo anim; ɛfiri sɛ Onyankopɔn wɔ tumi sɛ ɔboa anaa ɔma obi hwe aseɛ.

9Ɛnna Amasia bisaa Nyankopɔn nipa no sɛ: Na ɛdeɛn na yɛnyɛ dwetikɛseɛ ɔha a mede ama Israel asafo no? Na Nyankopɔn nipa no se: Ɛwɔ AWURADE nsam sɛ ɔbɛma wo adeɛ pii asene yei.

10Na Amasia paee no asafo a wɔfiri Efraim baa ne nkyɛn no mu sɛ wɔnkɔ wɔn tenabea; na wɔn bo fuu Yuda sɛ, na wɔde abufuhyeɛ sane kɔɔ wɔn tenabea.

11Na Amasia hyɛɛ ne ho den, na ɔde ne dɔm no kɔɔ Nkyene-Bonhwa no mu, na ɔkɔkum Seirfoɔ no mu nnipa mpemdu.

12Na wɔn mu nnipa mpemdu nso, Yudafoɔ no faa wɔn nnommum animono so, na wɔde wɔn kɔɔ ɔbotan bi atifi, na wɔtotoo wɔn firii ɔbotan no atifi hwehwee fam maa wɔn nyinaa mu paepaee.

13Na asafo a Amasia maa wɔsanee sɛ wɔne no nnkɔ ɔsa no mma kɔguu Yuda nkuro so, firi Samaria kɔduruu Bet-horon, na wɔkunkumm wɔn mu nnipa mpensa, na wɔfom adeɛ bebree fae.

14Na Amasia firii Edomfoɔ kum sane baeɛ no, ɔde Seirfoɔ anyame bae, na ɔde bɛsisii hɔ fae sɛ anyame, na ɔkotoo wɔn anim, na ɔhyee aduhwam maa wɔn.

15Ɛnna AWURADE abufuo sɔre tiaa Amasia, na ɔsomaa odiyifoɔ bi baa ne nkyɛn bɛbisaa no sɛ: Adɛn nti na woahwehwɛ ɔman bi anyame a wɔantumi annye wɔn man amfiri wo nsam no?

16Na ɔrekasa akyerɛ no no, ɔhene ka kyerɛɛ no sɛ: Wɔahyɛ wo ɔhene fotufoɔ? Gyae! Adɛn nti na wɔnku woɔ? Na odiyifoɔ no gyaee, na ɔkaa sɛ: Mahunu sɛ AWURADE abɔ ne tirim sɛ ɔbɛsɛe wo, ɛfiri sɛ woayɛ yei, na woantie m’afotuo no.

17Ɛnna Yudahene Amasia tuu agyina, na ɔsomaa Israelhene Yoas a ɔyɛ Yehoahas ba Yehu baa ne nkyɛn sɛ: Bra ma yɛnsɔ yɛn ho nhwɛ.

18Ate 9.14 Na Israelhene Yoas soma maa wɔkɔɔ Yudahene Amasia nkyɛn sɛ: Nkasɛɛ dua a ɛwɔ Lebanon no soma maa wɔkɔɔ tweneduro a ɛwɔ Lebanon no nkyɛn sɛ: Fa wo ba ma me ba nware. Na wiram mmoa a wɔwɔ Lebanon no sene bɛtiatiaa nkasɛɛ dua no so.

19Wose: Hwɛ, woakum Edom, na w’ahoahoa wo ho sɛ worehwehwɛ animuonyam. Afei tena wo fie. Adɛn nti na wo ne mmusuo rebɛdi aperepereɛ na woahwe aseɛ, wo ne Yuda nyinaa?

20Na Amasia antie, ɛfiri sɛ Nyankopɔn nsam na ɛfire, sɛ ɔde wɔn bɛhyɛ obi nsam, sɛ wɔasom Edom anyame no nti.

21Na Israelhene Yoas foro bae, na wɔde bɛbɔɔ anim, ɔno ne Yudahene Amasia wɔ Bet-semes a ɛyɛ Yuda dea no.

22Na Yuda gui wɔ Israel anim, na wɔdwanedwane kɔɔ wɔn ntomadan mu.

23Na Yudahene Amasia a ɔyɛ Yoas ba, Yehoahas ba deɛ, Israelhene Yoas kyeree no Bet-semes, na ɔde no baa Yerusalem na ɔdwirii Yerusalem fasuo no firii Efraim pono ho de kɔsii ntweaso pono no ho, basafa ahanu.

24Na ɔfaa sika ne dwetɛ nyinaa ne nnwinneɛ a wɔhunuu no Nyankopɔn fie, Obed-Edom nsam no nyinaa, ne ahemfie akoradeɛ no ne nnommum no nso, na ɔsane kɔɔ Samaria.

25Na Yudahene Amasia a ɔyɛ Yoas ba dii mfirinhyia dunum, Israelhene Yoas a ɔyɛ Yehoahas ba no wuo akyi.

26Na Amasia ho nsɛm nkaeɛ, akane deɛ ne akyire yi deɛ no, hwɛ, wɔantwerɛ no Yuda ne Israel Ahemfo Nwoma no mu anaa?

272 Be 24.25 Na ɛfiri berɛ a Amasia sane firii AWURADE akyire no, wɔpamm ne tiri so wɔ Yerusalem, na ɔdwane kɔɔ Lakis, na wɔsoma maa wɔtii no kɔɔ Lakis kɔkumm no wɔ hɔ.

28Na wɔsoaa no apɔnkɔ so bae, na wɔbɛsiee no n’agyanom nkyɛn wɔ Dawid kuro no mu.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help