1 1 Sa 21.10-15 Onyankopɔn, hu me mmɔbɔ,
na ɔdasani repɛ me amene me,
daa nyinaa ɔde ɔko hiahia me ho.
2M’atɛfoɔ repɛ me amene me daa nyinaa,
na nnipa pii ama wɔn ho so ne me reko.
3Ɛda a mesuro no,
mede me ho metwere wo.
4 Dwom 27.1; 118.6; Yes 12.2; 51.12; Heb 13.6 Nyankopɔn mu na meyi n’asɛm ayɛ,
Nyankopɔn so na mede me ho matoɔ,
merensuro, onipa bɛtumi ayɛ me dɛn?
5Da biara wɔtutu me nsɛm ano sisi,
bɔne nko ara na wɔdwene me ho.
6Wɔboa ano hyia ma wɔtɛ me,
na wɔkari m’anammɔn
berɛ a wɔtwɛn me kra.
7 Dwom 55.23 Wɔde amumuyɛ bɛnya kwan adwane anaa?
Onyankopɔn, fa aman hwe fam abufuo so.
8Wo na woabu me kyini a mekyini yi ano,
fa me nisuo gu wo kotokuo mu.
Ɛnni wo nwoma mu anaa?
9Ɛno na m’atamfoɔ bɛsane wɔn akyire,
ɛda a mesu mefrɛ no.
Yei na menim sɛ Onyankopɔn wɔ m’afa.
10Nyankopɔn mu na meyi n’asɛm ayɛ,
AWURADE mu na meyi n’asɛm ayɛ.
11Nyankopɔn so na mede me ho matoɔ,
merensuro, nnipa bɛtumi ayɛ me dɛn?
12Onyankopɔn, w’aboadeɛ wɔ me hɔ,
mɛbɔ aseda afɔdeɛ mama wo.
13 Dwom 116.8; Hiob 33.30 Na woagye me kra afiri owuo mu,
worenyi me nan mfiri asehweɛ mu anaa?
Na manante Nyankopɔn anim,
nkwa hann mu.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
