Deuteronomium 3 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Wɔdi Og so

1 Num 21.33-35 Ɛnna yɛdanee yɛn ani foro kɔɔ Basan kwan soɔ; na Basan hene Og firi bɛhyiaa yɛn, ɔno ne ne man nyinaa ne yɛn bɛkoe wɔ Edrei.

2Na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Nsuro no, na mede ɔne ne man nyinaa ne n’asase mahyɛ wo nsa, sɛ yɛ no sɛdeɛ woyɛɛ Amorifoɔ hene Sihon a ɔtenaa Hesbon no.

3Na AWURADE yɛn Nyankopɔn de Basan hene Og nso ne ne man nyinaa hyɛɛ yɛn nsa, na yɛkumm wɔn kɔsii sɛ wɔn mu fua mpo anka amma no.

4Na yɛfaa ne nkuro nyinaa, berɛ no mu; kuro biara nni hɔ a yɛannye wɔn nsam; nkuro aduosia, Argob asase nyinaa, Og ahennie a ɛwɔ Basan.

5Yeinom nyinaa yɛ nkuro a ɛho wɔ afasuo atenten, aponkɛseɛ, ne adaban; ɛsono nkuraa a ɛdɔɔso bebree no.

6Na yɛsɛee wɔn pasapasa sɛdeɛ yɛyɛɛ Hesbon hene Sihon no, yɛsɛee nkuro no ne emu mmarima, mmaa ne mmɔfra nyinaa pasapasa.

7Deut 20.14 Na afieboa nyinaa ne nkuro no mu asadeɛ deɛ, yɛfom fae.

8Na yɛgyee asase no firii Amorifoɔ ahemfo baanu a wɔwɔ Yordan agya no nsam, saa berɛ no, ɛfiri Arnon subonhwa mu kɔsi Hermon bepɔ ho,

9Deut 4.48; Dwom 29.6; 1 Be 5.23 (Sidonfoɔ frɛ Hermon sɛ Sirion, na Amorifoɔ frɛ no Senir),

10asaseta so nkuro nyinaa ne Gilead nyinaa ne Basan nyinaa kɔduru Salka ne Edrei, Basanhene Og ahennie no nkuro.

11(Na Basanhene Og nko na aka wɔ abrane akɛseɛ nkaeɛ no mu. Hwɛ, ne mpa a ɛyɛ dadeɛ mpa, ɛnsi Amon mma Raba anaa? Ne tentene basafa nan ne fa, na ne tɛtrɛtɛ basafa mmienu, sɛdeɛ onipa basafa teɛ.)

Nsase no mu kyekyɛ

12 Num 32.33-42 Na yɛfaa asase yi saa berɛ no; ɛfiri Aroer a ɛda Arnon subonhwa mu ne Gilead bepɔ fa ne ne nkuro na mede memaa Rubenfoɔ ne Gadfoɔ;

13na Gilead nkaeɛ ne Basan nyinaa, Og man a ɛyɛ Argob asase nyinaa, mede maa Manase abusuakuo fa. (Saa Basan no nyinaa na wɔfrɛ no abrane akɛseɛ asase.

14Manase ba Yair faa Argob asase no nyinaa a ɛne Basan kɔsii Gesurfoɔ ne Maakatfoɔ hyeɛ so, na ɔde ne din too asase no frɛɛ no Hawot-yair de bɛsi nnɛ da yi.)

15Na mede Gilead maa Makir.

16Na Rubenfoɔ ne Gadfoɔ no, memaa wɔn Gilead fa bi, ɛkɔduru Arnon subonhwa ho a subonhwa no mfimfini ne ɛhyeɛ, de kɔpem Yabok subonhwa no, Amon mma hyeɛ so,

17Araba mpaperɛ so ne Yordan ne ɛho asase, ɛfiri Kineret kɔsi Araba mpaperɛ so po a ɛne Nkyene Po no ano wɔ Pisga bepɔ ase apueeɛ fam.

18Na mehyɛɛ mo saa berɛ no sɛ: AWURADE mo Nyankopɔn de asase yi ama mo sɛ monni so, mo akofoɔ nyinaa mmia ntwam nni mo nuanom Israelfoɔ anim;

19mo yerenom ne mo mma ne mo mmoa deɛ, menim sɛ mowɔ mmoa pii, wɔntena mo nkuro a mede mama mo no mu;

20nkɔsi sɛ AWURADE bɛma mo nuanom ahome sɛ mo, na wɔn nso wɔadi asase a AWURADE mo Nyankopɔn de rema wɔn Yordan agya no so, ansa na moasane aba mo agyapadeɛ a mede mama mo no so.

21Num 27.18, 22 Na Yosua nso, mehyɛɛ no saa berɛ no sɛ: W’ani ahunu deɛ AWURADE mo Nyankopɔn de yɛɛ ahemfo baanu yi nyinaa: Saa ara nso na AWURADE bɛyɛ ahennie a woretwam akɔ hɔ nyinaa;

22Deut 1.30 monnsuro wɔn, ɛfiri sɛ AWURADE mo Nyankopɔn na ɔbɛko ama mo.

Mose adesrɛ

23Na mesrɛɛ AWURADE saa berɛ no sɛ:

24AWURADE Nyankopɔn, wo na woafiri aseɛ de wo kɛseyɛ ne wo nsa a ɛyɛ den no akyerɛ w’akoa, na onyame bɛn na ɔwɔ soro anaa asase soɔ a ɔbɛtumi ayɛ wo nnwuma ne wo mmaninneɛ yi bie?

25Mesrɛ wo, ma mentwa menkɔhwɛ asase pa a ɛwɔ Yordan agya no, bepɔ fɛfɛ no ne Lebanon.

26 Num 20.12 Nanso mo nti AWURADE bo fuu me, na wantie me; na AWURADE ka kyerɛɛ me sɛ: Ɛdɔɔso ma wo, nkɔ so ne me nkasa asɛm yi ho bio.

27Foro kɔ Pisga so, na ma w’ani so hwɛ atɔeɛ ne atifi fam ne anafoɔ ne apueeɛ, na fa w’ani hwɛ, na Yordan yi deɛ, worentwa.

28Deut 31.3, 7 Na hyɛ Yosua yie, na hyɛ no den na hyɛ no aboɔduro, ɛfiri sɛ ɔno na ɔbɛdi ɔman yi anim akyɛ asase a wobɛhunu no mu ama wɔn.

29Na yɛtenaa bonhwa no mu, Bet-peor ntentensoɔ.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help