1Ɛberɛ no mu no, Yeroboam ba Abia yaree.
21 Ah 11.31 Na Yeroboam ka kyerɛɛ ne yere sɛ: Sɔre, sakyera wo ho, na wɔanhunu sɛ wone Yeroboam yere, na kɔ Silo; hwɛ, ɛhɔ na Odiyifoɔ Ahia wɔ; ɔno na ɔka kyerɛɛ me sɛ mɛdi ɔman yi so hene.
3Na fa paanoo du ne taterɛ ne ɛwoɔ toa kura wo nsam, na kɔ ne nkyɛn; ɔno na ɔbɛka wo deɛ ɛbɛyɛ abɔfra yi.
4Na Yeroboam yere no yɛɛ saa, na ɔsii mu kɔɔ Silo, na ɔduruu Ahia fie. Nso na Ahia nhunu adeɛ, na akorabɔ nti n’ani so ayɛ kusuu.
5Na AWURADE ka kyerɛɛ Ahia sɛ: Hwɛ, Yeroboam yere reba abɛbisa wo hɔ asɛm ne ba ho, ɛfiri sɛ ɔyare. Sɛɛ ne sɛɛ na ka kyerɛ no.
Ɔbaeɛ no, ɔyɛɛ ne ho sɛ ɔbaa foforɔ bi.
6Na Ahia tee ne nan ase sɛ ɔreba ɛpono ano no, ɔkaa sɛ: Yeroboam yere, bra! Adɛn nti na woasakyera wo ho ayɛ sɛ obi yi? Na me deɛ, wɔde asɛm denden asoma me wo nkyɛn.
71 Ah 11.37; 16.2 Kɔka kyerɛ Yeroboam sɛ: Sɛ AWURADE Israel Nyankopɔn seɛ nie: Ɛsiane sɛ memaa wo so wo man no mu, na mesii wo me man Israel so panin,
8na metee ahennie no mefirii Dawid fie de maa woɔ, nanso woanyɛ sɛ m’akoa Dawid a ɔdii me mmara nsɛm soɔ, na ɔde n’akoma nyinaa dii m’akyire sɛ ɔbɛyɛ deɛ ɛtene m’ani soɔ no nko,
9na woayɛ bɔne asene wɔn a wɔdii w’anim nyinaa, na woakɔ akɔyɛ anyame foforɔ ne ahoni a wɔaguo sɛ wode rehuru me bo, na woato me atwene w’akyire nti,
101 Ah 15.29; 21.21 hwɛ, mede bɔne bɛba Yeroboam fie so, na matwa Yeroboam fie barima biara ne Israel mu akoa ne ɔdehyeɛ atwene, na mapra Yeroboam fie sɛdeɛ obi pra fi kɔsi sɛ ɛsa.
111 Ah 16.4; 21.24 Yeroboam nipa biara a ɔbɛwu kuro mu no, akraman na ɛbɛdi ne nam, na deɛ ɔbɛwu wiram no, ewiem nnomaa na ɛbɛdi ne nam. AWURADE na waka.
12Na wo deɛ, sɔre kɔ wo fie; na wo nan si kuro no mu ara pɛ a, abɔfra no bɛwu.
13Na Israel nyinaa bɛgyam no na wɔasie no, na ɔno nko ne Yeroboam deɛ a ɔbɛkɔ ɛda mu, ɛfiri sɛ ɔno mu na wɔahunu adepa bi a ɛsɔ AWURADE Israel Nyankopɔn ani, Yeroboam fie.
141 Ah 15.29 Na AWURADE bɛma ɔhene bi so, Israel so a ɔbɛtwa Yeroboam fie atwene nnɛ. Na ɛfiri nnɛ,
152 Ah 17.23 AWURADE bɛbɔ Israel sɛdeɛ demmire woso nsuo mu, na watutu Israel afiri asase pa a ɔde maa wɔn agyanom yi so, na wabɔ wɔn apete akɔ asuogya, ɛsiane sɛ wɔayɛ wɔn Asera nnua de ahuru AWURADE bo.
161 Ah 12.30; 13.34 Na Yeroboam bɔne a ɔyɛeɛ na ɔde maa Israel yɛɛ bɔne no nti, ɔbɛgyae Israel mu ama.
17Na Yeroboam yere no sɔre sii mu kɔɔ Tirsa. Na ɔduruu ɛdan no aponnwa ano no, abɔfra no wui.
18Na wɔsiee no, na Israel nyinaa gyamm no, sɛdeɛ AWURADE asɛm a ɔnam n’akoa Odiyifoɔ Ahia so kaeɛ no teɛ no.
19Na Yeroboam ho nsɛm nkaeɛ, sɛdeɛ ɔdii ako ne sɛdeɛ ɔdii ne hene faeɛ no, hwɛ, wɔatwerɛ no Israel ahemfo berɛsosɛm nwoma no mu.
201 Ah 15.25 Na nna a Yeroboam de dii hene yɛ mfeɛ aduonu mmienu; na ɔtoaa n’agyanom wɔ asamando, na ne ba Nadab bɛdii n’adeɛ.
Rehoboam di Yuda so hene21 2 Be 12 Na Salomo ba Rehoboam dii hene Yuda. Na Rehoboam adi mfirinhyia aduanan baako na ɔbɛdii hene, na ɔdii hene mfirinhyia dunson wɔ Yerusalem, kuro a AWURADE fa firii Israel mmusuakuo nyinaa mu sɛ ɔde ne din bɛto hɔ no mu. Na ne na din de Naama a ɔyɛ Amonni.
22Na Yuda yɛɛ AWURADE ani so bɔne, na wɔmaa no twee wɔn ho ninkunu sene wɔn agyanom bɔne a wɔyɛ tiaa no no ho deɛ nyinaa.
232 Ah 16.4 Na wɔn nso yeyɛɛ sorɔnsorɔmmea ne adum ne abosompɔ nkokoɔ sorɔnsorɔn nyinaa so ne nnua frɔmfrɔm nyinaa ase fae.
24Deut 23.17 Na mmarima nnwamamfoɔ nso wɔ asase no so; wɔyɛɛ sɛdeɛ amanaman a AWURADE tuu wɔn firii Israelfoɔ anim no akyiwadeɛ nyinaa teɛ.
25 1 Ah 11.40 Na Ɔhene Rehoboam afe a ɛtɔ so nnum soɔ no Misraimhene Sisak foro baa Yerusalem so.
261 Ah 10.16 Na ɔfaa AWURADE fie akoradeɛ ne ahemfie akoradeɛ, ɔfaa ne nyinaa kɔe. Na ɔfaa sika akyɛm a Salomo yɛeɛ no nso nyinaa.
27Na Ɔhene Rehoboam yɛɛ kɔbere mfrafraeɛ akyɛm sisii ananmu, na ɔde hyɛɛ awɛmfoɔ a wɔhwɛ ahemfie pono ano no so asafohene nsa.
28Na da biara a ɔhene bɛkɔ AWURADE fie no, awɛmfoɔ no soa kɔ, na wɔde sane bɛsie awɛmfoɔ dan mu.
29Na Rehoboam ho nsɛm nkaeɛ ne deɛ ɔyɛeɛ no nyinaa, wɔantwerɛ no Yuda ahemfo berɛsosɛm nwoma no mu?
301 Ah 15.6 Na akodie daa Rehoboam ne Yeroboam ntam daa.
311 Ah 14.21 Na Rehoboam toaa n’agyanom wɔ asamando, na wɔsiee no n’agyanom nkyɛn, Dawid kuro mu. Na ne na din de Naama a ɔyɛ Amonni. Na ne ba Abiam bɛdii n’adeɛ.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.