1 Yes 58.1 Fa totorobɛnto tua w’ano;
ɛbɛba AWURADE fie so sɛ ɔkɔdeɛ;
ɛfiri sɛ wɔafomfom m’apam na wɔato me mmara.
2Me na wɔbɛsu afrɛ me sɛ:
Me Nyankopɔn, yɛni wo, yɛn a yɛyɛ Israel.
3Papa ayɛ Israel nwunu;
ma ɔtamfoɔ nti wɔn ɛ!
4 2 Ah 15.10, 14; 25.30 Wɔn deɛ, wɔasisi ahene, na ɛmfiri me,
wɔasisi mmapɔmma, nso mennim.
Wɔn dwetɛ ne wɔn sika, wɔde ayeyɛ ahoni
a ɛbɛsɛe wɔn.
5 1 Ah 12.28 Samaria, wo nantwie ba no ho yɛ nwunu,
m’abufuo asɔ atia wɔn;
ɛnkɔsi da bɛn na wɔrentumi
ɔbra a ɛho teɛ bɔ?
6 Eks 32.20 Na Israel mu na ɛno fire;
odwumfoɔ na ɔyɛeɛ,
ɛnyɛ Onyame ne no,
na Samaria nantwie no,
wɔbɛbubu no pasaa.
7 Yer 12.13 Na mframa na wɔguo,
na ahum nso na wɔbɛtwa.
Ayuo a ɛgyina hɔ nni mu;
deɛ ɛfifire no, wɔyam a, wɔnnya mu siam;
sɛ ebi wɔ mu mpo a,
ahɔhoɔ na ɛbɛdie.
8 Yer 22.28 Wɔamene Israel,
afei wɔte amanaman mu sɛ
adeɛ bi a ani bi nsɔ.
9 Hos 5.13; 7.11 Na wɔn deɛ, wɔaforo kɔ Asiria;
ewiram afunumu na ɔno nko ate ne ho;
Efraim abobɔ adɔfoɔ paa.
10Sɛ wɔabobɔ amanaman mu bi paa nso a,
afei mɛboa wɔn ano,
na ahemfo mu hene no nhyɛsoɔ nti,
wɔn so afiri aseɛ ahwan.
11Na Efraim ama afɔrebukyia adɔɔso de ayɛ bɔne,
afɔrebukyia no adane wɔn bɔneyɛ.
12Matwerɛ me mmara dodoɔ no mama wɔn,
wɔbuu no sɛ amannɔne adeɛ.
13 Yes 1.11; Hos 9.3; Deut 28.68 M’ayɛyɛdeɛ afɔdeɛ a wɔbɔ no,
ɛnam nko na wɔkum die;
AWURADE ani nsɔ;
afei ɔbɛkae wɔn amumuyɛ
na wabɛtwe wɔn aso, wɔ wɔn bɔne ho;
Misraim na wɔbɛsane akorɔ.
14 Yer 17.27; Amos 2.5 Na Israel werɛ afiri ne yɛfoɔ,
na wɔasisi aban fɛfɛ,
na Yuda ama nkuro a ɛyɛ den adɔ;
nanso mɛto ne kuro mu gya,
na ahye n’aban a ɛkorɔn no.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
