2 Ahemfo 22 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Yosia di Yuda so hene(2 Berɛsosɛm 34.1-2)

1 2 Be 34.1-28 Yosia bɛdii hene no, na wadi mfirinhyia nwɔtwe, na ɔdii hene mfeɛ aduasa baako wɔ Yerusalem. Na ne na din de Yedida a ɔyɛ Adaia a ɔfiri Boskat ba.

22 Ah 18.3; Deut 5.32 Na ɔyɛɛ deɛ ɛtene AWURADE ani so, na ɔnantee n’agya Dawid kwan nyinaa mu, na wammane ankɔ nifa anaa benkum.

Wɔhunu Mmara Nwoma no(2 Berɛsosɛm 34.8-28)

3Na Ɔhene Yosia afe a ɛtɔ so dunwɔtwe no mu no, ɔhene somaa Mesulam ba Asalia ba Ɔtwerɛfoɔ Safan maa no kɔɔ AWURADE fie sɛ:

4Kɔ ɔsɔfo panin Hilkia nkyɛn, na ɔmmu sika a wɔde baa AWURADE fie a ɛpono ano ahwɛfoɔ aboa ano afiri ɔman no nsam no ho nkonta mma wo,

5na wɔmfa nhyɛ wɔn a wɔyɛ adwuma no a wɔde wɔn asisi AWURADE fie soɔ no nsam, na wɔmfa mma AWURADE fie mu adwumayɛfoɔ no sɛ wɔnsiesie efie no mu adango no,

6ne nnua adwumfoɔ ne adansifoɔ ne abantofoɔ no, na wɔmfa ntotɔ nnua ne aboɔ a wɔatwa, na wɔmfa nsiesie efie no;

72 Ah 12.15 nanso wɔne wɔn mmmu sika a wɔde ahyɛ wɔn nsa no ho nkonta, ɛfiri sɛ wɔyɛ no nokorɛ mu.

8Na Ɔsɔfo panin Hilkia ka kyerɛɛ Ɔtwerɛfoɔ Safan sɛ: Mahunu mmara nwoma no AWURADE fie. Na Hilkia de nwoma no maa Safan, na ɔkenkanee.

9Na Ɔtwerɛfoɔ Safan baa ɔhene nkyɛn, na ɔde mu asɛm brɛɛ ɔhene sɛ: Wo nkoa ahwie sika a wɔhunuu no efie no mu no agu hɔ, na wɔde ahyɛ wɔn a wɔyɛ adwuma no a wɔde wɔn asisi AWURADE fie soɔ no nsa.

10Na Ɔtwerɛfoɔ Safan bɔɔ din kyerɛɛ ɔhene sɛ: Ɔsɔfoɔ Hilkia de nwoma bi ama me. Na Safan kenkanee no ɔhene anim.

11Na ɛbaa sɛ ɔhene tee mmara nwoma no mu nsɛm no, ɔsunsuanee ne ntadeɛ mu.

12Na ɔhene hyɛɛ Ɔsɔfoɔ Hilkia ne Safan ba Ahikam ne Mikaia ba Akbor ne Ɔtwerɛfoɔ Safan ne ɔhene akoa Asaia sɛ:

13Monkɔ nkɔbisa AWURADE mma me, ne ɔman yi ne Yuda nyinaa, nwoma a moahunu yi mu nsɛm no nti, na AWURADE abufuhyeɛ a adɛre atia yɛn no yɛ kɛseɛ, ɛfiri sɛ yɛn agyanom antie nwoma yi mu nsɛm no, sɛ wɔbɛyɛ sɛdeɛ wɔatwerɛ no yɛn ho no.

Odiyifoɔ baa Hulda

14Na Ɔsɔfoɔ Hilkia ne Ahikam ne Akbor ne Safan ne Asaia kɔɔ Odiyifoɔ baa Hulda a ɔyɛ Harhas ba Tikwa ba, ntadeɛ sohwɛfoɔ Salum yere nkyɛn, (nso na ɔte Yerusalem Fa a ɛtɔ so Mmienu mu), na wɔne no kasae.

15Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE Israel Nyankopɔn seɛ nie: Monkɔka nkyerɛ ɔbarima a ɔsomaa mo me nkyɛn no sɛ:

16Sɛ AWURADE seɛ nie: Hwɛ, mede bɔne bɛba ha ne ɛhafoɔ so, sɛdeɛ nwoma a Yuda hene akenkan no mu nsɛm nyinaa teɛ,

17Deut 31.29; 32.21-23 ɛsiane sɛ wɔagya me, na wɔakɔhye aduhwam ama anyame foforɔ, sɛ wɔde wɔn nsa ano adwuma nyinaa rehuru me bo, enti m’abufuhyeɛ bɛdɛre atia ha yi, na ɛrennum.

18Na Yuda hene a ɔsomaa mo sɛ mommɛbisa AWURADE no deɛ, sɛ monka nkyerɛ no nie: Sɛ AWURADE Israel Nyankopɔn seɛ nie: Nsɛm a woateɛ no deɛ,

19ɛsiane sɛ w’akoma yɛ bɛtɛɛ na woabrɛ wo ho ase AWURADE anim, sɛ wotee deɛ maka no, ɛha yi ne ɛhafoɔ ho, sɛ wɔbɛdane amamfo ne nnome, na woasunsuane wo ntadeɛ mu na woasu m’anim nti, me nso mate, AWURADE na ɔseɛ.

20Yes 57.1-2 Enti hwɛ, wobɛtoa w’agyanom wɔ asamando, na wɔasie wo damena mu asomdwoeɛ mu, na w’ani renhunu ɔhaw a mede reba ha yi soɔ no nyinaa. Na wɔde asɛm no bɛsee ɔhene.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help