Yohane 10 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Yesu ne Odwanhwɛfoɔ pa no

1 Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ, deɛ ɔmfa ɛpono ano nkɔ nnwammuo mu na ɔforo fa baabi no, ɔyɛ owifoɔ ne odwotwafoɔ;

2na deɛ ɔfa ɛpono ano kɔ mu no ne nnwan no hwɛfoɔ.

3Ɔno na ɛponoanohwɛfoɔ hini ma no, na nnwan no te ne nne, na ɔbɔ ɔno ara ne nnwan din frɛ wɔn firi adi.

4Na ɔma ɔno ara ne nnwan firi adi a, ɔdi wɔn anim; na nnwan no di n’akyi, ɛfiri sɛ wɔnim ne nne.

5Na ɔhɔhoɔ deɛ, wɔrenni n’akyi, na wɔbɛdwane no; ɛfiri sɛ wɔnnim ananafoɔ nne.

6Yesu de bɛ yi buu wɔn; na wɔn deɛ, wɔanhunu asɛm ko a ɔkaa wɔn no.

Nnwammuo ano pono

7Ɛnna Yesu see wɔn bio sɛ: Mereka akyerɛ mo nokorɛ mu pa ara sɛ: Mene nnwan no pono no.

8Odwanhwɛfoɔ pa no

11

17 Yei nti na Agya no dɔ me, ɛfiri sɛ mede me nkwa meto hɔ, na mafa bio.

18Yudafoɔ no pɛ sɛ wɔkum Yesu

31 Yoh 8.59 Ɛnna Yudafoɔ no tasee aboɔ bio sɛ wɔde rebɛsi no.

32Yesu buaa wɔn sɛ: Nnwuma pa pii na mayɛ makyerɛ mo a ɛfiri Agya no nkyɛn; emu deɛ ɛwɔ he nti na morebɛsi me aboɔ yi?

33Yoh 5.18; Mat 26.65 Yudafoɔ no buaa no sɛ: Ɛnyɛ adwuma pa nti na yɛrebɛsi wo aboɔ, na abususɛm ntira, ɛfiri sɛ wo a woyɛ onipa no yɛ wo ho sɛ Onyankopɔn.

34Dwom 82.6 Yesu buaa wɔn sɛ: Wɔntwerɛɛ no mo mmara mu sɛ: Mekaa sɛ: Moyɛ anyame?

35Sɛ ɔfrɛɛ wɔn a Nyankopɔn asɛm baa wɔn nkyɛn no anyame na wɔntumi nsɛe atwerɛ no a,

36Yoh 5.17-20 adɛn nti na moka deɛ Agya ayɛ no kronkron, na wasoma no wiase no ho sɛ: Woka abususɛm, ɛnam sɛ mekaa sɛ: Nyankopɔn Ba ne me?

37Sɛ menyɛ m’Agya nnwuma a, ɛnneɛ monnnye me nnni;

38na sɛ meyɛ, na me deɛ, monnye me nni a, monnye nnwuma no nni, na moahwɛ ahunu sɛ, Agya no wɔ me mu, na me nso mewɔ ne mu.

39Yoh 8.59; Luka 4.30 Ɛnna wɔhwehwɛɛ bio sɛ wɔkye no, na ɔfiri wɔn nsa kɔe.

Yesu twa kɔ Yordan agya

40 Yoh 1.28 Na ɔsii mu kɔɔ Yordan agya nohoa bio wɔ faako a Yohane bɔɔ asu kane no, na ɔkɔtenaa hɔ.

41Na nnipa pii baa ne nkyɛn, na wɔkaa sɛ: Yohane anyɛ nsɛnkyerɛnneɛ bi deɛ, nanso nnoɔma a Yohane kaa wɔ oyi ho nyinaa no yɛ nokorɛ.

42Na nnipa pii gyee no dii wɔ hɔ.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help