Mmebusɛm 27 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Ahohoahoa nyɛ

1 Yak 4.13-14 Mfa ɔkyena nhoahoa wo ho,

na wonnim deɛ ɛda no de bɛba.

2 2 Ko 10.12 Ma obi nyi wo ayɛ, na ɛnyɛ w’ano,

ɔhɔhoɔ, na ɛnyɛ w’anofafa.

3Ɔboɔ yɛ duru na anwea yɛ dompee,

nanso ogyimifoɔ abufuo yɛ duru sene ne mmienu nyinaa.

4Anibereɛ yɛ atirimuɔden, na abufuo yɛ ahometedeɛ,

na hwan na ɔbɛtumi agyina ninkuntwe anim?

5Animka petee yɛ

sene ɔdɔ a ahunta.

6 Dwom 141.5 Ɔdɔfoɔ pira yɛ nokorɛ,

na ɔtamfoɔ mfeano yɛ nsisie.

7Ɔkra a wameeɛ tia ɛwokyɛm so,

na ɔkra a ɛkɔm de no deɛ,

deɛ ɛyɛ nwono biara yɛ no dɛ.

8Sɛdeɛ anomaa a ɔfiri ne pirebuo mu kyini teɛ no,

saa na onipa a ɔfiri ne tenaberɛ kɔkyini teɛ ne no.

9Ngo ne aduhwam ma akomatɔyam,

saa ara na onipa adamfo atirimsɛmdie dɛ nso yɛ.

10 Mmb 14.20 Nnya w’adamfo ne w’agya adamfo,

na w’amanehunu da, nhyɛne wo nua fie;

wo fipamfoɔ a ɔbɛn yɛ sene onua a ɔwɔ akyirie.

11Me ba, yɛ onyansafoɔ, na ma m’akoma ntɔ me yam,

na manya asɛm mabua deɛ ɔbɔ me ahohora.

12 Mmb 21.29; 22.3 Onitefoɔ hunu bɔne a ɛbɛba, na ɔde ne ho hunta,

nanso adwenemharefoɔ de ne ho hyɛ mu, na wɔnya asotwe.

13 Mmb 20.16 Deɛ ɔgyina ɔhɔhoɔ akyire no, fa ne ntoma,

na deɛ ɔdi ɔbaa sansani agyinamu no, gye no awowa.

14Deɛ ɔtua nhema

de nne kɛseɛ hyira ne yɔnko no,

wɔbɛbu no nnuabɔ ama no.

15 Mmb 19.13; 25.24 Asusoberɛ mu nsuo a ɛsosɔ daa

ne ɔbaa tɔkwapɛfoɔ na ɛsɛ:

16Deɛ ɔse ɔresianka no te sɛ deɛ ɔresianka mframa,

anaa ne nifa kuta ngo.

17Dadeɛ se dadeɛ ano,

na onipa se ne yɔnko anim.

18Deɛ ɔhwɛ borɔdɔma dua no di n’aba,

na deɛ ɔsom ne wura no, wɔbɛhyɛ no animuonyam.

19Sɛdeɛ nsuo mu anim kyerɛ anim no,

saa ara na onipa akoma kyerɛ onipa akoma.

20 Mmb 30.15-16; Ɔsɛ 1.8 Asamando ne ɔsɛeɛ mmee da,

na onipa aniwa nso mmee da.

21Kyɛmferɛ wɔ hɔ ma dwetɛ, na fononoo wɔ hɔ ma sika,

na ɔbarima deɛ, sɛ n’ayeyie teɛ na wɔde hu no.

22Sɛ wode wɔmma si ogyimifoɔ

waduro mu fra ayuo mu mpo a,

n’agyimisɛm remfiri ne ho ara da.

23Hunu na hunu sɛdeɛ wo nnwan ho

teɛ, na fa w’akoma to mmoa akuakuo no so.

24 1 Ti 6.7 Na adeɛ a woakora ntena hɔ daa,

na abotire kɔduru awoɔ ntoatoasoɔ nyinaa so anaa?

25Ɛserɛ kɔ, na wira mono yi adi,

na wɔboaboa mmepɔ so nhahamma ano.

26Nnwanten ma wo ntoma,

na mpapo yɛ asase tiri adeɛ.

27Na mmirekyie nufosuo no dɔɔso ma w’aduane,

wo fiefoɔ aduane

ne wo mmabaa akɔnhomabɔdeɛ.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help