1Montie me, mpoano aman,
na monyɛ aso, akyirikyiri aman.
AWURADE afrɛ me afiri yafunu mu,
ɛfiri me na yam na ɔtoo me din.
2 Adi 1.16; Yes 51.16 Na ɔyɛɛ m’ano sɛ afena nnamnnam,
ne nsa ase nwunu mu na ɔde me sieeɛ,
na ɔde me yɛɛ agyan a ano yɛ nnam,
ɔde me siee ne kotokuo mu.
3 Yes 49.5; 42.1; 41.8 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: M’akoa ne wo,
Israel a mɛnya wo mu animuonyam.
4 1 Ah 19.10 Na me deɛ, mekaa sɛ:
Mabrɛ magu, masɛe m’ahoɔden ama adehunu ne ahuhudeɛ,
nanso m’atemmuo wɔ AWURADE nkyɛn,
na m’adwuma so adeɛ wɔ me Nyankopɔn nsam.
5Na afei AWURADE se,
deɛ ɔnwonoo me firii yafunu mu sɛ memmɛyɛ no akoa,
na mensane Yakob memmra ne nkyɛn,
na memmoa Israel ano memmrɛ no no,
ɛfiri sɛ m’anim aba nyam, AWURADE anim,
na me Nyankopɔn ayɛ m’ahoɔden,
6 Yes 42.6; 60.3; Luka 2.32; Aso 13.47 ɔse:
Ɛyɛ hare sɛ wobɛyɛ m’akoa
na woama Yakob mmusuakuo soɔ,
na wode Israel mu wɔn a wɔakora wɔn no asane aba;
na mede wo bɛyɛ amanaman hann,
na woayɛ me nkwagyeɛ akɔduru asase ano.
7Saa na AWURADE,
Israel Gyefoɔ, ne Kronkronni no ka
kyerɛ deɛ wɔbu ne kra animtia, deɛ aman kyiri no,
deɛ ɔyɛ nhyɛsofoɔ akoa no sɛ:
Ahemfo bɛhunu, na wɔasɔresɔre,
asafohene nso, na wɔakoto asɔre,
ɛsiane AWURADE a ɔyɛ nokwafoɔ,
Israel Kronkronni a wayi woɔ no nti.
8 Dwom 69.13; 2 Ko 6.2; Yes 42.6 Sɛ AWURADE seɛ nie:
Anisɔ berɛ mu na matie woɔ,
na nkwagyeɛ da mu na maboa woɔ,
na mɛkora wo, na mede wo
mayɛ ɔman apam, sɛ:
Ma asase no so si hɔ,
na ma wɔmfa agyapadeɛ a ayɛ afo no nni so bio;
9na ka kyerɛ nneduafoɔ sɛ: Momfiri adi!
ne wɔn a wɔwɔ sum mu no sɛ: Mompue!
Akwan so na wɔbɛdidie,
na mpampa pataa nyinaa so bɛyɛ wɔn adidibea;
10 Adi 7.16 ɛkɔm renne wɔn, na sukɔm renne wɔn,
na kumaforoteɛ ne owia renka wɔn,
na deɛ ɔhu wɔn mmɔborɔ no bɛgya wɔn,
na wakyerɛ wɔn mmasuo so kwan.
11Na mereyɛ me mmepɔ nyinaa akwan,
na m’atempɔn akorɔn.
12 Luka 13.29 Hwɛ, yeinom firi akyirikyiri bɛba,
na hwɛ, yeinom firi atifi fam ne atɔeɛ fam,
na yeinom nso firi Sinifoɔ asase so.
13 Yes 44.23 Ɔsoro, monto dwom, na asase, di ahurisie!
mmepɔ nso, momfrɛ nserehehe dwom!
Na AWURADE akyekyere ne man werɛ,
na wahunu ne mmɔborɔfoɔ mmɔbɔ!
14Na Sion kaa sɛ: AWURADE agya me,
na AWURADE werɛ afiri me.
15 1 Ah 3.26; Yer 31.20 Ɔbaa werɛ bɛfiri ne ba akɔkoaa,
na ne yam renhyehye no ne yafumma ho anaa?
Sɛ yeinom werɛ bɛfiri mpo a,
me deɛ, me werɛ remfiri wo.
16Hwɛ, mede wo makurukyire me nsayam;
w’afasuo sisi m’anim daa.
17Wo nkuro kyekyerefoɔ ho bɛyɛ hare asene w’adwirifoɔ,
na w’asɛefoɔ bɛfiri wo mu akɔ.
18 Yes 60.4 Ma w’ani so hwɛ wo ho hyia,
yeinom nyinaa rehyia aba wo nkyɛn.
Sɛ mete aseɛ yie, AWURADE na ɔseɛ,
wobɛhyɛ wɔn nyinaa sɛ ahyehyɛdeɛ,
na wode wɔn abɔ abɔsoɔ, sɛ ayeforɔ.
19Na w’amamfo ne wo nkuro a asɛeɛ
ne w’afasusini asase no,
afei wobɛyɛ hihiaa a wɔn a wɔbɛtena soɔ no rensene,
na wɔn a wɔmene woɔ akɔ akyirikyiri.
20 Yes 54.1 Na mma a wɔwoo wɔn wɔ w’amanehunu mu no
bɛka no w’aso mu sɛ:
Afa ha yɛ hihiaa ma me,
pini do, na mennya tenabea.
21Na wobɛka no w’akoma mu sɛ:
Hwan na ɔwoo yeinom maa me?
Na me deɛ, mma bɔɔ me, na meyɛɛ obonini,
wɔtuu me kɔe,
na wɔsunsum me; na yeinom deɛ,
hwan na ɔyɛnee wɔn?
Hwɛ, me deɛ, ɛkaa me nko,
ɛno mu no na yeinom wɔ he?
22 Yes 60.4 Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie:
Hwɛ, mɛma me nsa so makyerɛ amanaman,
na masi me frankaa mama aman,
na wɔaturu wo mmabanin, wɔn kokom,
na wo mmammaa nso, wɔasi wɔn akɔnkɔn aba.
23 Yes 60.16; Dwom 72.9; Mika 7.17 Na ahemfo bɛyɛ wo mmagyegyefoɔ,
na wɔn ahemmaa ayɛ wo nufomafoɔ;
wɔde wɔn anim bɛbutubutu fam ama wo,
na wɔatafere wo nan ase mfuturo,
na woahunu sɛ me, mene AWURADE
a wɔn a wɔn ani da me soɔ no ani renwuo.
24Wɔgye dɔmmarima nsam adeɛ a wafa,
anaasɛ ɔhene tirimuɔdenfoɔ nnommum bɛfiri ne nsa?
25 Mat 12.29 Na sɛ AWURADE seɛ nie:
Dɔmmarima nnommum mpo, wɔbɛgye,
deɛ ne ho yɛ hu nso adeɛ a wafa bɛfiri mu afi,
na me ara mene deɛ ɔne wo ham no bɛham,
na me ara mɛgye wo mma nkwa.
26Na mɛma w’ahafoɔ adi wɔn ara wɔn nam,
na wɔn mogya abo wɔn sɛ nsamono,
na honam nyinaa ahunu
sɛ me AWURADE, mene wo Gyefoɔ,
ne wo dimafoɔ ne Yakob tumfoɔ no.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.