Obadia NHYƐNMU - New Revised Asante Twi Bible(ASW)
NHYƐNMUWɔntumi nhunu berɛ pɔtee a wɔde twerɛɛ saa nwoma tiawa yi; ɛyɛ Yerusalem sɛeɛ akyi bɛyɛ mfeɛ ahanum aduɔwɔtwe nsia ansa na wɔrewo Kristo (586 B.C.). Saa berɛ no na Edom a ɛda anafoɔ apueeɛ fam no yɛ Yudafoɔ atamfoɔ firi tete. Na ɛnyɛ wɔn ani nko ara na ɛgyee Yudafoɔ asehweɛ no ho, na mmom wɔbɔwuraa wɔn ahenkuro no mu kɔboaa wɔn atamfo no na wɔfomm wɔn nnoɔma. Obadia hyɛɛ nkɔm sɛ wɔbɛtwe Edom aso na ɔne aman a wɔyɛ Israelfoɔ atamfoɔ no nyinaa adi nkoguo.EMU NSƐMEdom asotwe 1-14AWURADE da no 15-21