1 Adi 5.2; 4.3 Na mehunuu ɔbɔfoɔ foforɔ hoɔdenfoɔ bi sɛ ɔfiri soro reba fam, na ɔfira mununkum, na nyankontɔn wɔ ne tiri so, na n’anim te sɛ owia, na ne nan te sɛ ogya fadum.
2Adi 5.1 Na ɔkura nwoma ketewa bi a emu abue wɔ ne nsa mu, na ɔde ne nan nifa sii po so, na ɔde benkum sii asase so.
3Yer 25.30; Hos 11.10; Amos 1.2 Na ɔde nne kɛseɛ teaa mu sɛdeɛ gyata bobɔ mu. Na ɔteaa mu no, aprannaa nson no de wɔn nne kasae.
4Dan 8.26; 12.4; 12.9 Na aprannaa nson no kasaeɛ no, anka mereyɛ matwerɛ. Na metee sɛ ɛnne bi firi soro reka kyerɛ me sɛ: Sɔ deɛ aprannaa nson no aka no ano, na ntwerɛ!
5Na ɔbɔfoɔ a mehunuu no sɛ ɔgyina po ne asase soɔ no
maa ne nsa so kyerɛɛ soro.
6 Dan 12.7; Adi 6.11 Na ɔkaa deɛ ɔte ase daa daa,
a ɔbɔɔ ɔsoro ne deɛ ɛwɔ mu ne asase ne deɛ ɛwɔ mu, ne ɛpo ne deɛ ɛwɔ mu no ho ntam sɛ: Berɛ bi nni hɔ bio,
7Adi 11.15; 17.17; Aso 3.21 na mmom nna a ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so nson no bɛhyɛne n’abɛn no, na Onyankopɔn ahuntasɛm no aba mu, sɛdeɛ ɔkaa ho asɛmpa kyerɛɛ ne nkoa, adiyifoɔ no.
Ɔbɔfoɔ no nwoma8 Adi 10.2, 4 Na ɛnne a mete firii soro no ne me kasaa bio sɛ: Kɔ kɔgye nwoma ketewa a wɔabue mu no ɔbɔfoɔ a ɔgyina asase ne po soɔ no nsam.
9Hes 3.1-3 Na mekɔɔ ɔbɔfoɔ no nkyɛn mekɔka mekyerɛɛ no sɛ ɔmfa nwoma ketewa no mma me. Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Gye mene, na ɛbɛyɛ nwononwono wo yam, na w’anomu deɛ, ɛbɛyɛ fremfrem sɛ ɛwoɔ.
10Na megyee nwoma ketewa no firii ɔbɔfoɔ no nsa mu memeneeɛ, na ɛyɛɛ fremfrem wɔ m’anomu sɛ ɛwoɔ, na mewiee die no, ɛyɛɛ nwononwono wɔ me yam.
11Na ɔka kyerɛɛ me sɛ: Ɛsɛ sɛ woka nkurɔfoɔ ne aman ne ɔkasa ne ahemfo bebree ho adiyisɛm bio.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
