1 2 Be 26.1, 3-23 Israelhene Yeroboam afe a ɛtɔ so aduonu nson mu na Yudahene Amasia ba Asaria bɛdii hene.
2Ɔbɛdii hene no, na wadi mfeɛ dunsia, na ɔdii hene mfirinhyia aduonum mmienu wɔ Yerusalem. Na ne na din ne Yekolia a ɔfiri Yerusalem.
3Na ɔyɛɛ deɛ ɛtene AWURADE ani so, sɛdeɛ n’agya Amasia yɛeɛ no nyinaa;
42 Ah 14.3-4 gye sorɔnsorɔmmea no na wɔanyie; na ɔman no kɔɔ so bɔɔ afɔdeɛ na wɔhyee aduhwam wɔ sorɔnsorɔmmea no so.
5Lew 13.46 Na AWURADE bɔɔ ɔhene no maa no yaree kwata de kɔsii ne wuda; na ɔkɔtenaa fie foforɔ a obiara nte mu, na ɔhene ba Yotam na ɔdii efie no soɔ na ɔbuu asase no sofoɔ atɛn.
6Na Asaria ho nsɛm nkaeɛ ne deɛ ɔyɛeɛ nyinaa, wɔantwerɛ no Yuda Ahemfo Berɛsosɛm Nwoma no mu?
7Na Asaria tii n’agyanom wɔ asamando, na wɔsiee no kaa n’agyanom ho Dawid kuro mu; na ne ba Yotam bɛdii n’adeɛ.
Sakaria di Yuda so hene8 2 Ah 14.29 Yudahene Asaria afe a ɛtɔ so aduasa nwɔtwe mu na Yeroboam ba Sakaria bɛdii Israel so hene Samaria. Ɔdii hene abosome nsia.
91 Ah 12.26-33 Na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne sɛdeɛ n’agyanom yɛeɛ no; wamfiri Nebat ba Yeroboam bɔne a ɔmaa Israel yɛeɛ no ho.
102 Ah 15.14; Amos 7.9 Na Yabes ba Salum pam ne tiri so, na ɔbɔɔ no Ibleam kumm no, na ɔsii n’ananmu dii hene.
11Na Sakaria ho nsɛm nkaeɛ no, hwɛ, wɔatwerɛ no Israel Ahemfo Berɛsosɛm Nwoma no mu.
122 Ah 10.30 (Ɛno ne AWURADE asɛm no a ɔka kyerɛɛ Yehu sɛ: W’awoɔ ntoatoasoɔ a ɛtɔ so nnan mu mma bɛtena Israel adwa so no baa mu.)
Salum di Israel so hene13Yabes ba Salum bɛdii hene, Yudahene Usia afe a ɛtɔ so aduasa nkron mu; na ɔdii hene bosome wɔ Samaria.
141 Ah 16.17 Na Gadi ba Menahem firii Tirsa foro baa Samaria, na ɔbɛbɔɔ Yabes ba Salum wɔ Samaria kumm no, na ɔsii n’ananmu dii hene.
15Na Salum ho nsɛm nkaeɛ ne n’apam a ɔpameeɛ no, hwɛ, wɔatwerɛ no Israel Ahemfo Berɛsosɛm Nwoma no mu.
16Ɛberɛ no mu no Menahem firii Tirsa kɔkum Tifsa ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa ne ɛho asase, ɛfiri sɛ wɔanhini no nti, ɔkumm wɔn, na ɔpaepaee emu anyinsɛnfoɔ nyinaa mu.
Menahem di Israel so hene17Yudahene Asaria afe a ɛtɔ so aduasa nkron mu na Gadi ba Menahem bɛdii Israel so hene mfeɛ du wɔ Samaria.
182 Ah 15.9 Na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne, wamfiri Nebat ba Yeroboam a ɔmaa Israel yɛɛ bɔne no bɔne ho ne nna nyinaa.
19Asiriahene Pul baa asase no so, na Menahem maa Pul dwetɛ dwetikɛseɛ apem, sɛ ɔmmoa no nhyɛ ne nsa mu den, n’ahennie no mu.
202 Ah 23.35 Na Menahem gyegyee Israel hɔ toɔ, mmarima a wɔbɛtumi nyinaa hɔ dwetɛ nnwetɛbena aduonum aduonum, sɛ ɔde rekɔma Asiriahene. Ɛnna Asiriahene nsa kaeɛ no ɔsaneeɛ, na wannyina asase no so hɔ.
21Na Menahem ho nsɛm nkaeɛ ne deɛ ɔyɛeɛ nyinaa, wɔantwerɛ no Israel Ahemfo Berɛsosɛm Nwoma no mu?
22Na Menahem tii n’agyanom wɔ asamando, na ne ba Pekahia bɛdii n’adeɛ.
Pekahia di Israel so hene23Yudahene Asaria afe a ɛtɔ so aduonum mu na Menahem ba Pekahia bɛdii Israel so hene Samaria mfeɛ mmienu.
242 Ah 15.9 Na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne. Wamfiri Nebat ba Yeroboam a ɔmaa Israel yɛɛ bɔne no bɔne ho.
252 Ah 15.10, 14, 30 Na ne kunini Peka a ɔyɛ Remalia ba pam ne tiri so, na ɔbɔɔ no Samaria ahemfie aban mu, ɔne Argob ne Arie, na Gileadfoɔ mma mu mmarima aduonum ka ne ho; na ɔkumm no, na ɔbɛdii n’adeɛ.
26Na Pekahia ho nsɛm nkaeɛ ne deɛ ɔyɛeɛ nyinaa, hwɛ, wɔatwerɛ no Israel Ahemfo Berɛsosɛm Nwoma mu.
27Yudahene Asaria afe a ɛtɔ so aduonum mmienu mu na Remalia ba Peka bɛdii Israel so hene Samaria mfeɛ aduonu.
282 Ah 15.9 Na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne. Wamfiri Nebat ba Yeroboam a ɔmaa Israel yɛɛ bɔne no bɔne ho.
291 Be 5.26 Israelhene Peka berɛ so na Asiriahene Tiglat-pileser ba bɛfaa Iyon, Abel-bet-maaka, Yanoa, Kedes, Hasor, Gilead ne Galilea, Naftali asase nyinaa, na ɔtuu wɔn kɔɔ Asiria.
302 Ah 17.1; 15.25 Na Ela ba Hosea pam Remalia ba Peka tiri so, na ɔbɔɔ no kumm no, na ɔbɛdii n’adeɛ Usia ba Yotam afe a ɛtɔ so aduonu mu.
31Na Peka ho nsɛm nkaeɛ ne deɛ ɔyɛeɛ nyinaa, hwɛ, wɔatwerɛ no Israel ahemfo berɛsosɛm nwoma no mu.
Yotam di Yuda so hene(2 Berɛsosɛm 27.1-9)32Israelhene Remalia ba Peka afe a ɛtɔ so mmienu mu na Yudahene Usia ba Yotam bɛdii hene.
33Ɔbɛdii hene no, na wadi mfeɛ aduonu nnum, na mfirinhyia dunsia na ɔdii hene Yerusalem. Na ne na din de Yerusa a ɔyɛ Sadok babaa.
342 Ah 15.3-4 Na ɔyɛɛ deɛ ɛtene AWURADE ani so, sɛdeɛ n’agya Usia yɛeɛ nyinaa na ɔyɛeɛ;
35gye sorɔnsorɔmmea na wanyiyie, na ɔman no kɔɔ so bɔɔ afɔdeɛ, hyee nnuhwam wɔ so. Ɔno na ɔsii AWURADE fie pono a ɛkorɔn no.
36Na Yotam ho nsɛm nkaeɛ ne deɛ ɔyɛeɛ nyinaa, wɔantwerɛ no Yuda ahemfo berɛsosɛm nwoma no mu?
37 2 Ah 16.5 Nna no mu na AWURADE firii aseɛ somaa Siriahene Resin ne Remalia ba Peka baa Yuda soɔ.
38Na Yotam tii n’agyanom wɔ asamando, na wɔsiee no kaa n’agyanom ho, n’agya Dawid kuro mu, na ne ba Ahas bɛdii n’adeɛ.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.