Malaki NHYƐNMU - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

NHYƐNMUOdiyifoɔ Malaki nwoma no baeɛ bɛyɛ mfeɛ ahanum ansa na wɔrewo Kristo no mu. Ɛbaeɛ wɔ berɛ a na wɔasi Yerusalem Asɔrefie no foforɔ awie. Odiyifoɔ no botaeɛ titire ne sɛ: Ɔbɛfrɛ asɔfoɔ no ne nkurɔfoɔ no sɛ wɔnyɛ wɔn Gyidie ne AWURADE apam no foforɔ. Na ɛda adi pefee sɛ nnipa no de aniha ne ɔsɛeɛ ahyɛn AWURADE som no mu. Asɔfoɔ no ne nnipa no sisi AWURADE fie na afei nso wɔnni AWURADE nkyerɛkyerɛ no so.Nanso AWURADE bɛba abɛbu ne nkurɔfoɔ atɛn na wate wɔn ho, na ɔsomafoɔ bɛdi n’anim, na wasiesie kwan mu, aka n’apam no ho asɛm.EMU NSƐMIsraelfoɔ bɔne 1.1—2.16Onyankopɔn atemmuo ne n’ahummɔborɔ 2.17—4.6
Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help