Nnwom 106 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Nyankopɔn adɔeɛ ne Israel bonniayɛ

1 Dwom 107.1; 118.1; 136.1 Monyi AWURADE ayɛ!

Monna AWURADE ase, na ɔyɛ,

na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa.

2Hwan na ɔbɛtumi aka AWURADE mmaninneɛ,

na wama wɔate n’ayeyie nyinaa?

3Nhyira ne wɔn a wɔkura atemmuo mu,

ne deɛ ɔdi asɛntenenee daa nyinaa.

4AWURADE, wo man ho anisɔ no mu, kae me,

wo nkwagyeɛ mu bɛhwɛ me,

5na menhunu wɔn a woayi wɔn no nnepa,

na m’ani nnye wo nkurɔfoɔ no anigyeɛ ho bi,

na me ne w’agyapadeɛ nhyehyɛ yɛn ho.

6 Dan 9.5 Yɛne yɛn agyanom ayɛ bɔne,

yɛafom, yɛayɛ bɔne kɛse.

7 Eks 14.11-12 Yɛn agyanom anhunu w’anwanwadeɛ Misraim,

wɔankae w’adɔeɛ dodoɔ no,

na wɔtee atua ɛpo ho, Mmɛwa Po ho.

8Nanso ne din nti ɔgyee wɔn,

sɛ ɔbɛma wɔahunu ne mmaninyɛ.

9Ɔteateaa Mmɛwa Po no maa no wee,

na ɔde wɔn faa abunu mu sɛ anwea pradada so.

10Na ɔgyee wɔn firii deɛ ɔkyiri wɔn no nsam,

na ɔyii wɔn firii ɔtamfoɔ nsam,

11na nsuo kataa wɔn ahohiahiafoɔ so,

wɔn mu baako mpo anka.

12 Eks 15 Ɛnna wɔgyee ne nsɛm diiɛ,

wɔtoo n’ayeyie dwom.

13Wɔn werɛ firii ne nneyɛɛ ntɛm,

wɔantwɛn n’agyinatuo.

14 Num 11.4-6 Na wɔn kɔn dɔɔ ntraso ɛserɛ so,

na wɔsɔɔ Onyankopɔn hwɛe anwea pradada so.

15Ɛnna ɔmaa wɔn deɛ wɔbisaeɛ,

nanso ɔmaa ɔfɔn baa wɔn kra mu.

16 Num 16 Na wɔn ani beree Mose, nsraban no mu,

ne Aaron, AWURADE hotefoɔ no.

17Asase mu bue menee Datan,

na ɛkataa Abiram asafo so.

18Na ogya sɔ kɔkaa wɔn asafo,

ogyaframa taferee abɔnefoɔ no.

19 Eks 32 Wɔyɛɛ nantwie ba Horeb,

na wɔkotoo ohoni a wɔguiɛ.

20 Rom 1.23 Na wɔsakyeraa wɔn animuonyam

yɛɛ no nantwie a ɔwe wira nsɛso.

21 Deut 32.18 Wɔn werɛ firii Onyankopɔn a ɔgyee wɔn na

ɔyɛɛ nnoɔma akɛseɛ Misraim,

22ɔyɛɛ anwanwadeɛ Ham asase so,

ne ahudeɛ, Mmɛwa Po ho no.

23 Hes 13.5 Na ɔse anka ɔbɛsɛe wɔn,

nanso Mose a ɔyii no no

kɔgyinaa n’anim sii abuo no ano,

sɛ ɔbɛyi n’abufuo, na wansɛe wɔn.

24 Num 14.2-4 Na wɔtoo asase a ɛyɛ no ho mpe,

wɔannye n’asɛm anni.

25Wɔnwiinwii wɔn ntomadan mu,

na wɔantie AWURADE asɛm.

26Ɛnna ɔmaa ne nsa so tiaa wɔn

sɛ ɔbɛma wɔatotɔ ɛserɛ so,

27na wabɔ wɔn asefoɔ agu amanaman mu,

na wapansam wɔn, nsase so.

28 Num 25.3 Na wɔde wɔn ho bɔɔ Baal-peor ho,

na wɔdii adefunu afɔrebɔdeɛ,

29na wɔde wɔn nneyɛɛ huruu no,

na owuyadeɛ baa wɔn mu.

30Na Pinehas sɔre gyina patae,

na ɔsɔɔ owuyadeɛ no ano.

31 Gye 15.6; Num 25.12 Na wɔbuu yei tenenee maa no

kɔɔ mma mma so kɔsi daa.

32 Num 20.2-13 Na wɔyii no abufuo, Meriba nsuo no so,

na wɔn nti ɛwiee Mose bɔne.

33Na wɔhoo ne honhom werɛ,

na ɔde n’ano woroo nsɛm.

34 Deut 7.1-2; 12.2-3; Ate 1.28 Wɔankunkum aman

a AWURADE kaa wɔn ho asɛm no

35na wɔfrafraa amanaman no mu,

na wɔsuasuaa wɔn nneyɛɛ.

36Na wɔsom wɔn ahoni,

na ɛdanee wɔn fidie.

37 Lew 18.21 Na wɔde wɔn mmabanin ne wɔn mmammaa

bobɔɔ afɔdeɛ maa abosom,

38na wɔkaa mogya a ɛnni fɔ gui,

wɔn mmabanin ne wɔn mmammaa mogya,

wɔde wɔn bɔɔ afɔdeɛ maa Kanaan ahoni,

maa mogya guu asase no ho fi.

39Na wɔde wɔn nneyɛɛ maa wɔn ho yɛɛ nwunu,

na wɔde wɔn nsɛnnie dan nnwamamfoɔ.

40Ɛnna AWURADE abufuo dɛre tiaa ne man,

na ɔkyirii n’agyapadeɛ.

41 Ate 2.14 Na ɔde wɔn hyɛɛ amanaman nsa,

na wɔn a wɔkyiri wɔn dii wɔn so.

42Na wɔn atamfoɔ hyɛɛ wɔn so,

na wɔbrɛɛ wɔn ase hyɛɛ wɔn nsa ase.

43Ɔgyee wɔn mpɛn pii,

na wɔn deɛ, wɔtee atua, wɔn apam so,

na wɔbrɛɛ wɔn ase wɔn amumuyɛ mu.

44Nanso ɔhwɛɛ wɔn ahohia maa wɔn,

ɔtiee wɔn abooboo no.

45Na ɔkaee n’apam maa wɔn,

na n’adɔeɛ dodoɔ nti ɔyɛɛ ntimmɔborɔ.

46Na ɔmaa wɔn a wɔfaa wɔn nnommum nyinaa

hunuu wɔn mmɔbɔ.

47 Deut 30.3 Gye yɛn nkwa, AWURADE, yɛn Nyankopɔn,

na boaboa yɛn ano firi amanaman mu,

na yɛnna wo din kronkron no ase,

na yɛmfa w’ayeyie nhyehyɛ yɛn ho.

48 Dwom 41.13 Nhyira ne AWURADE, Israel Nyankopɔn

firi tete akyirikyiri kɔsi daakye akyirikyiri,

na ma ɔman mu no nyinaa nse sɛ:

Amen. Monyi AWURADE ayɛ!

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help