Mika 5 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Deɛ wɔasra no no awoɔ ne n’ahennie

1Afei bɔ kyenku,

wo Sion babaa.

Ɔtua yɛn twa yɛn ho hyia.

Wɔde abaa bɔ

Israel temmufoɔ nnyepi.

2 Mat 2.5-6; Yoh 1.1-2 Na wo, Betlehem a ɛwɔ Efrata,

wo a wosua sɛ wobɛfra Yuda mpem mpem mu,

wo mu ara na obi bɛba ama me,

na wabɛyɛ Israel sodifoɔ no;

na n’ase firi tete nteredee,

firi daa a ɛnni ase nna mu.

3 Yes 7.14; Yes 11.12 Enti ɔde wɔn bɛma akɔsi

berɛ a ɔwofoɔ bi bɛwoɔ,

na ne nuanom nkaeɛ bɛsane

ne Israel mma nso aba.

4 Hes 34.23 Na ɔbɛgyina hɔ ayɛne wɔn,

AWURADE ahoɔden mu,

AWURADE ne Nyankopɔn din kɛseyɛ mu,

na wɔatena ase; na afei ɔbɛyɛ kɛse akɔsi asase awieeɛ.

5 Yes 9.6; Efe 2.14 Na oyi bɛyɛ asomdwoeɛ.

Sɛ Asiria ba yɛn asase so

na ɔtiatia yɛn aban afɛfɛ mu a,

ɛnna yɛbɛsisi ahwɛfoɔ baason,

ne nnipa mu mmapɔmma baawɔtwe atia no.

6Na wɔde afena ayɛne Asiria asase

ne Nimrod asase n’apono mu.

Na sɛ Asiria ba yɛn asase so

na ɔtiatia yɛn hyeɛ so a,

ɔbɛgye yɛn afiri ne nsam.

7 Dwom 110.3 Na Yakob nkaeɛ no bɛyɛ

aman bebree mu

sɛ obosuo a ɛfiri AWURADE nkyɛn,

sɛ nhahamma so ahasuo

a ɛnhwɛ ɔbarima bi kwan

na ɛntwɛn nnipa mma.

8 Dwom 7.2, 5 Na Yakob nkaeɛ no bɛyɛ sɛ

kwaeɛ mu mmoa mu gyata,

amanaman mu, aman bebree mu,

sɛ nnwan akuakuo mu gyataburuwa

a ɔsene ba a ɔtiatia soɔ

na ɔtete mu a ɔgyefoɔ biara nni hɔ.

9Womma wo nsa so, w’ahohiahiafoɔ so,

na w’atamfo nyinaa to ntwa.

10 Sak 9.10 Na ɛda no, AWURADE asɛm nie,

mɛtwa w’apɔnkɔ mafiri wo mu,

na masɛe wo nteaseɛnam,

11na matwitwa w’asase so nkuro,

na madwiri w’abandenden nyinaa;

12 Sak 13.2 na mɛtwitwa wo ntafowayie afiri wo nsam,

na woannya akɔmfoɔ bio;

13na mɛtwitwa w’ahoni

ne w’adum afiri wo mu,

na woansɔre

wo nsa ano adwuma bio;

14na mɛtutu w’abosompɔ Asera afiri wo mu,

na masɛe wo nkuro;

15na mede abufuo ne abufuhyeɛ bɛtɔ were,

amanaman a wɔantie me no so.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help