Yesaia 47 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Babel ho atemmusɛm

1 Deut 28.56 Siane, na tena mfuturo mu,

O ababaa, Babel babaa,

tena fam, a ahennwa bi nni hɔ

O Kaldeafoɔ babaa,

na wɔremfrɛ wo

ɔbaabereɛ a ɔkorɔkorɔ ne ho bio.

2Fa ayuyammoɔ ne ne ba kɔyam ayuo,

yi wo nkatanimu,

ma wo gyawurusie so, yiyi wo nan ho,

twitwa asuo.

3 Nah 3.5 W’adagya bɛda adi,

na wɔahunu w’ahohora.

Mɛtɔ were,

na merenhunu onipa mmɔbɔ.

4Yɛn Gyefoɔ no, asafo AWURADE ne ne din,

ne Israel Kronkronni no.

5Tena ase dinn, na kɔ sum mu,

O Kaldeafoɔ babaa,

na wɔremfrɛ wo

ahennie ahodoɔ no awuraa bio.

6 Yes 10.5-7; Sak 1.15 Me bo fuu me man,

meguu m’agyapadeɛ ho fi,

na mede wɔn mehyɛɛ wo nsa,

woanyi ayamhyehyeɛ ankyerɛ wɔn,

nkɔkoraa so mpo womaa wo kɔnnua yɛɛ

duru dodo;

7na wokaa sɛ: Mɛyɛ awuraa akɔsi daa;

na amma woamfa yeinom anhyɛ w’akomam,

woankae wɔn awieeɛ.

8 Adi 18.7; Sef 2.15 Na afei tie yei ɛ, ahodɔni

a wote hɔ asomdwoeɛ mu,

wo a wose no w’akoma mu sɛ:

Me ara me ne no, na obiara nni akyire bio,

merentena ase sɛ kunafoɔ,

na merenni mmasugya.

9Na nnoɔma mmienu yi bɛba wo so

amonom, da koro,

abawuo ne kunayɛ.

Ɛbɛba wo so ama no aduru pɛ,

wo ntafowayie dodoɔ

ne wo nkaberɛkyekyerɛ a ano yɛ den no nyinaa akyiri.

10Wotenaa ase dwodwoo wɔ wo bɔne mu

kaa sɛ: Obi nhu me;

wo nyansa ne wo nimdeɛ bɔɔ w’adwene ko,

maa wokaa no w’akoma mu sɛ:

Me ara me ne no, na obi nni akyire bio.

11Na mmusuo bɛto wo

a worenhunu yi;

na abuo bɛbu wo a

worentumi mpata;

na mpofirim na ɔsɛeɛ bɛba wo soɔ,

worenni no hunkan.

12 Dan 2.2 Sɔre gyina ɛ, fa wo nkaberɛkyekyerɛ

ne wo ntafowayie dodoɔ

a wofiri wo mmɔfraase brɛɛ mu no,

ebia wobɛtumi de ayɛ biribi,

ebia wode bɛyi hu.

13Woabrɛ w’agyinatuo pii no mu;

ma wɔnsɔre nnyina ɛ, na wɔnnye wo nkwa,

ɔsoro ani mu kyekyɛfoɔ no,

nsorommahwɛfoɔ

a ɔsrane foforɔ daa

wɔkyerɛ nnoɔma a ɛbɛba wo soɔ no.

14Hwɛ, wɔayɛ sɛ ɛserɛdwaneɛ,

ogya ahye wɔn,

wɔrentumi nnye wɔn kra

mfiri gyaframa no nsam;

ɛnyɛ nsramma a wɔde huahua wɔn ho,

anaasɛ ogya a wɔtena ho.

15Saa na wɔn a woabrɛ wɔn ho no bɛyɛ ama woɔ;

wɔn a wo ne wɔn ananteɛ firi wo mmɔfraase no,

wɔbɛyera akɔ wɔn fam;

obiara nni hɔ a ɔbɛgye wo nkwa.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help