Nnwom 40 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Aseda ne adesrɛ mpaebɔWɔde ma awonkyerɛfoɔ. Dawid dwom.

1Twɛn na metwɛnee AWURADE,

na ɔyɛɛ aso maa me, na ɔtee me sufrɛ.

2Na ɔyii me firii ɔsɛeɛ amena mu,

firii atɛkyɛ mu,

na ɔde me nan sii ɔbotan so,

ɔmaa m’anammɔn tintimii.

3 Dwom 33.3 Na ɔde dwom foforɔ ahyɛ m’anomu,

yɛn Nyankopɔn ayeyie.

Nnipa bebree bɛhunu asuro,

na wɔabata AWURADE ho.

4Nhyira ne onipa a

ɔde n’ani ato AWURADE soɔ,

na ɔnnane n’ani nkyerɛ ahantanfoɔ

ne wɔn a wɔmane di atorɔ.

5 Dwom 139.17-18 AWURADE, me Nyankopɔn,

w’anwanwadeɛ ne w’adwene, woama no adɔɔso ama yɛn,

wɔrentumi mfa biribiara nto wo ho;

anka mɛka na makasa ho,

ɛdɔɔso sene sɛ wɔbɛtumi akan.

6 Dwom 51.16; Heb 10.5-10; Yes 50.5 Wompɛ afɔrebɔ ne ayɛyɛdeɛ,

woasiesie aso de ama me,

wommisa ɔhyeɛ afɔdeɛ

ne bɔne ho afɔdeɛ.

7Ɛnna mekaa sɛ: Hwɛ, mereba,

wɔatwerɛ me ho asɛm nwoma mmobɔeɛ no mu.

8Deɛ mepɛ ne sɛ mɛyɛ deɛ wo, me Nyankopɔn, wopɛ,

na wo mmara wɔ m’akomam.

9 Dwom 22.22, 25 Maka tenenee ho asɛmpa

asafo kɛseɛ mu,

hwɛ, meremmua m’ano,

AWURADE, wonim.

10Mankora wo tenenee m’akomam,

maka wo nokorɛ ne wo nkwagyeɛ,

mansi w’adɔeɛ ne wo nokorɛ so

asafo kɛseɛ mu.

11Wo, AWURADE, worensi me

wo mmɔborɔhunu so,

w’adɔeɛ ne wo nokorɛ

bɛbɔ me ho ban daa.

12Na bɔne a wɔnnim ano

atwa me ho ahyia,

m’amumuyɛ asɔ me mu

a ɛmma menhunu adeɛ bio,

ɛdɔɔso sene me tiri so nwi,

na m’akoma agya me.

13AWURADE, ma no nyɛ wo fɛ sɛ wobɛgye me,

AWURADE, yɛ ntɛm bɛboa me!

14 Dwom 6.10 Ma wɔn a wɔhwehwɛ me kra

asɛe no no ani nwu,

na wɔn anim ngu ase,

ma wɔn a wɔpɛ me bɔne nsane wɔn akyi, na wɔnnane ahohorafoɔ.

15 Dwom 35.21, 25 Wɔn a wɔse me sɛ: Wiɛ, wiɛ no,

ma wɔn ho nnwiri wɔn, wɔn aniwuo akatua so.

16Ma wɔn a wɔhwehwɛ woɔ nyinaa

nni ahurisie, na wɔn ani nnye wo ho;

ma wɔn a wɔdɔ wo nkwagyeɛ nka daa sɛ:

Wɔnkamfo AWURADE kɛseyɛ.

17 Dwom 109.22 Na me deɛ, meyɛ mmɔbɔ na meyɛ ohiani deɛ,

nanso AWURADE dwene me ho.

Wone me boafoɔ ne me gyefoɔ, me Nyankopɔn,

ntwentwɛn wo nan ase!

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help