1 Dwom 82.6 Onyankopɔn gyina Nyankopɔn asafo mu,
ɔbu atɛn anyame ntam.
2 Deut 1.17 Da bɛn na mobɛbu ntɛnkyea,
na moahwɛ abɔnefoɔ anim akɔsie?
3 Yes 1.17 Monni ɔbrɛfoɔ ne awisiaa asɛm,
monni asɛntenenee mma ɔmanehunufoɔ ne mmɔborɔni.
4Monnye ɔbrɛfoɔ ne ohiani,
monhwim wɔn mfiri abɔnefoɔ nsam.
5Wɔnnim de, na wɔnte aseɛ,
esum mu na wɔnante korɔ,
asase nnyinasoɔ nyinaa rewoso.
6 Dwom 82.1; Eks 21.6; Yoh 10.34 Me deɛ, maka sɛ: Moyɛ anyame,
na mo nyinaa yɛ ɔsorosoroni no mma,
7nanso mobɛwuwu sɛ nnipa pɛ,
na moatotɔ sɛ ahemfo mu biara.
8Ao! Onyankopɔn, sɔre ɛ, bu asase atɛn,
na wo na wobɛdi adeɛ, amanaman nyinaa mu.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
