Numeri 30 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Bɔhyɛ ho mmara

1Na Mose kasa kyerɛɛ Israelfoɔ mmusuakuo no so atitire sɛ: Yei ne asɛm a AWURADE ahyɛ:

2Lew 27.2-25; Deut 23.21; Ate 11.35; Ɔsɛ 5.4-5 Sɛ obi hyɛ AWURADE bɔ anaasɛ ɔka ntam tua ne kra adeɛ bi a, ɔmmmu n’asɛm so; deɛ ɛfiri n’anomu nyinaa, ɔnyɛ.

3Na sɛ ɔbaa bi hyɛ AWURADE bɔ de tua ne ho biribi berɛ a ɔda so wɔ n’agya fie, ne mmabaaberɛ mu,

4na n’agya te ne bɔhyɛ no ne n’ahotua a ɔde tua ne kra biribie no, na n’agya anka ho biribi a, ɛnneɛ ne bɔhyɛ ne n’ahotua a ɔde tuaa ne kra biribie no gyina hɔ.

5Na sɛ da a n’agya teɛ no wampene a, ɛnneɛ ne bɔhyɛ nyinaa ne n’ahotua a ɔde tuaa ne kra biribie no rennyina hɔ. Na AWURADE de bɛkyɛ no, ɛfiri sɛ n’agya ampene.

6Na sɛ ɔyɛ ɔbarima yere, na ne bɔhyɛ anaa deɛ afiri n’anomu a ɔde atua ne kra biribie no da ne so,

7na ne kunu te, na da a ɔteɛ no ɔyɛ komm a, ɛnneɛ ne bɔhyɛ no gyina hɔ, na tua a ɔde atua ne kra biribie no gyina hɔ.

8Na sɛ da a ne kunu teɛ no, wampene a, na wasane ne bɔhyɛ a ɛda ne soɔ ne deɛ ɛfirii n’anomu a ɔde tuaa ne kra biribie no, na AWURADE de bɛkyɛ no.

9Na ɔbaa kunafoɔ anaa deɛ wɔako no bɔhyɛ deɛ, adeɛ biara a ɔtua ne kra no da ne so.

10Na sɛ ne kunu fie na ɔhyɛ bɔ anaasɛ ɔde ntam tua ne kra biribi,

11na ne kunu te, na ɔyɛ komm, na wammara no a, ne bɔhyɛ no nyinaa gyina hɔ, na adeɛ biara a watua ne kra no gyina hɔ.

12Nanso sɛ ne kunu sane no da a ɔteeɛ no a, ɛnneɛ adeɛ biara a afiri n’anomu a ɔde hyɛɛ bɔ anaasɛ ɔde tuaa ne kra biribie no rennyina hɔ; ne kunu asane, na AWURADE de bɛkyɛ no.

13Bɔhyɛ nyinaa ne ahotua ntam a wɔde brɛ ɔkra ase nyinaa, ne kunu na ɔmma no nnyina hɔ na ne kunu na ɔnsane;

14na sɛ daa ne kunu no nnka ho hwee a, ɛnneɛ ɔhyɛ ne bɔhyɛ no nyinaa anaa n’ahotua no nyinaa mu den, ɛfiri sɛ da a ɔteeɛ no, wanka ho hwee;

15na sɛ ɔteeɛ no akyi ansa na ɔresane a, ɛnneɛ ɔsoa ne yere amumuyɛ.

16Yeinom ne ahyɛdeɛ a AWURADE hyɛɛ Mose sɛ ɛnna ɔbarima ne ne yere ntam, ɛne agya ne ne babaa a ɔwɔ ne mmabaaberɛ mu, n’agya fie, ntam.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help