Hesekiel 33 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Honhom fam awɛmfoɔ no asɛdeɛ

1Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:

2Onipa ba, kasa kyerɛ wo man mma, na ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ mede nkrantɛ ba asase bi so, na asase no so man no yi wɔn mu barima bi, na wɔyɛ no ɔwɛmfoɔ,

3na ɔhunu nkrantɛ sɛ ɛreba asase no so, na ɔhyɛne totorobɛnto de bɔ ɔman no kɔkɔ,

4na ɔtefoɔ te totorobɛnto no hyɛn, na wantie kɔkɔbɔ no, na nkrantɛ no ba bɛfa no kɔ a, ne mogya bɛbua n’atifi.

5Ɔtee totorobɛntohyɛn no, na wantie kɔkɔbɔ no; ne mogya ngu ne so! Na sɛ ɔtiee kɔkɔbɔ no a, anka ɔgyee ne kra nkwa.

6Na sɛ ɔwɛmfoɔ no hunu nkrantɛ sɛ ɛreba, na wanhyɛne abɛn no ammɔ ɔmanfoɔ kɔkɔ na nkrantɛ no ba bɛkum wɔn mu bi a, ɔno deɛ, n’amumuyɛ mu na wɔafa no korɔ, na ne mogya deɛ, mɛbisa no ɔwɛmfoɔ no nsam.

7 Hes 3.17-19; Yes 56.10; Heb 13.17 Na wo, onipa ba, mede wo asi ɔwɛmfoɔ ama Israel fie, na tie m’anomu asɛm, na fa bɔ wɔn kɔkɔ.

8Sɛ meka kyerɛ ɔbɔnefoɔ sɛ: Ɔbɔnefoɔ, wuo na wobɛwuo, na sɛ woanka ammɔ ɔbɔnefoɔ no kɔkɔ ne kwan ho a, ɔno ɔbɔnefoɔ no bɛwu n’amumuyɛ mu, na ne mogya deɛ, wo nsam na mɛbisa.

9Na wo, sɛ wobɔ ɔbɔnefoɔ no kɔkɔ ne kwan ho, sɛ ɔnsane mfiri so, na wansane amfiri ne kwan no so a, ɔno deɛ, ɔbɛwu n’amumuyɛ mu, na wo nso woagye wo kra nkwa.

Nyankopɔn adɔeɛ ne ne tenenee

10Enti wo, onipa ba, ka kyerɛ Israel fie sɛ: Moka sɛ: Yɛn mmarato ne yɛn bɔne gu yɛn so, na ɛnonom mu na yɛredwerɛ yi, na ɛbɛyɛ dɛn na yɛbɛnya nkwa?

11Hes 18.23, 31-32; Yes 55.7; Yoel 2.12-13 Ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ mete aseɛ yi, AWURADE Nyankopɔn asɛm nie, ampa ara, ɔbɔnefoɔ wuo nyɛ me fɛ, na mmom sɛ ɔbɔnefoɔ bɛsane afiri ne kwan soɔ na wanya nkwa! Monsane, monsane mfiri mo akwammɔne so! Adɛn nti na morewuwuo yi, Israel fie?

12Hes 3.20; 18.24 Na wo, onipa ba, ka kyerɛ wo man mma no sɛ: Ɔteneneeni tenenee rennye no ne mmarato da no, na ɔbɔnefoɔ abɔnefosɛm nso renhwe no ase, ɛda a ɔbɛsane afiri n’abɔnefosɛm mu no ho, na ɔteneneeni nso rentumi nnye ne ho nkwa wɔ mu, ɛda a ɔyɛ bɔne no.

13Sɛ meka kyerɛ ɔteneneeni sɛ: Wobɛnya nkwa, na ɔde no ho to ne tenenee so na ɔyɛ amumuyɛdeɛ a, wɔrenkae ne tenenee no biara, na n’amumuyɛdeɛ a wayɛ no mu ara na ɔbɛwuo.

14Na meka kyerɛ ɔbɔnefoɔ sɛ: Wuo na wobɛwuo, na ɔsane firi ne bɔne mu bɛyɛ atemmudeɛ ne ateneneedeɛ,

15Hes 18.7; Luka 19.8 na sɛ ɔbɔnefoɔ dane awowasideɛ kɔma, ɔhyɛ deɛ ɔfomeeɛ no ananmu, ɔnante nkwa ahyɛdeɛ mu sɛ ɔrenyɛ amumuyɛdeɛ a, nya na ɔbɛnya nkwa, ɔrenwu;

16ne bɔne a ɔyɛeɛ no nyinaa, wɔrenkae mma no; wayɛ atemmudeɛ ne ateneneedeɛ, nkwa ara na ɔbɛnya.

17 Hes 18.25-30 Nanso wo man mma ka sɛ: AWURADE kwan ntene! berɛ a wɔn mmom na wɔn kwan ntene.

18Sɛ ɔteneneeni sane firi ne tenenee ho na ɔyɛ amumuyɛdeɛ a, emu na ɔbɛwuo;

19na sɛ ɔbɔnefoɔ sane firi n’abɔnefosɛm ho na ɔyɛ atemmudeɛ ne ateneneedeɛ a, ɛno ara so na ɔbɛnya nkwa;

20nanso moka sɛ: AWURADE kwan ntene! Sɛdeɛ obiara kwan teɛ no, saa na mɛbu mo atɛn, o Israel fie.

Yerusalem ahweaseɛ ho amanneɛbɔ

21 Hes 24.26 Na yɛn tukorɔ afe a ɛtɔ so dummienu no, bosome a ɛtɔ so du no da a ɛtɔ so nnum no, odwanefoɔ bi firii Yerusalem baa me nkyɛn sɛ: Wɔabɔ kuro no.

22Nso na AWURADE nsa aba me so anwummerɛ no, ansa na odwanefoɔ no reba. Ɔbaa me nkyɛn anɔpa no, na wabue m’ano, na mantɔre mum bio.

23Na AWURADE asɛm baa me nkyɛn sɛ:

24Yes 51.2; Mal 2.15 Onipa ba, wɔn a wɔte Israel asase so akurofo no soɔ no ka sɛ: Abraham yɛ ɔbaakofoɔ, na ɔfaa asase no diiɛ, na yɛn deɛ, yɛdɔɔso, yɛn mmom na wɔde asase no ama yɛn sɛ yɛmfa nnie.

25Enti ka kyerɛ wɔn sɛ: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Modi aboa a wɔantwa ne tiri nam, na momma mo ani so kyerɛ mo abosonhuhuo, na moka mogya gu, na mobɛfa asase no adi so anaa?

26Mogyinagyina mo nkrantɛ so, moyɛ akyiwadeɛ, na obi gu ne yɔnko yere ho fi, na mobɛfa asase no adi so anaa?

27Sɛ ka kyerɛ wɔn nie: Sɛ AWURADE Nyankopɔn seɛ nie: Sɛ mete aseɛ yi, ampa ara wɔn a wɔwɔ akurofo no soɔ no, nkrantɛ ano na wɔbɛtotɔ; na deɛ ɔwɔ wiram no, mmoadoma na mede no bɛma mmoa ma wɔadie; na wɔn a wɔwɔ aban ne abodan mu no, owuyadeɛ na ɛbɛkunkum wɔn.

28Na mɛyɛ asase no afo ne pasaa, na n’ahoɔden ahantan no to bɛtwa, na Israel mmepɔ adanedane afo a obiara biara remfa soɔ;

29na wɔn akyiwadeɛ a wɔyɛeɛ no nyinaa nti, mɛyɛ asase no afo ne ahodwirideɛ, na wɔahunu sɛ mene AWURADE.

30Na wo, onipa ba, wo man mma keka wo ho nsɛm afasuo ho ne adan no apono ano, na obi ne obi, obi ne ne nua, kasa sɛ: Mommra mmɛtie asɛm ko a ɛfiri AWURADE nkyɛn ba no ɛ!

31Yes 53.1; Yak 1.22 Na wɔbɛba wo nkyɛn sɛdeɛ ɔman bi ba, na wɔatenatena ase w’anim sɛ me man, na wɔatie wo nsɛm, nso wɔrenni so, na wɔn anomu adɔkɔdɔkɔsɛm na wɔredie; wɔn akoma di wɔn mfasoɔ akyi.

32Na hwɛ, woyɛ wɔn sɛ dwom dɛdɛ, sɛ obi a ne nne yɛ dɛ, na ɔnim sankuo bɔ yie; na wɔte wo nsɛm deɛ, nanso wɔnni so.

33Hes 2.5 Na ɛnya ba a, hwɛ ɛbɛba, na wɔbɛhunu sɛ odiyifoɔ bi atena wɔn mu pɛn.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help