Yakobo 1 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Nkyea

1 1 Pe 1.1 Yakobo, Nyankopɔn ne Awurade Yesu Kristo akoa, kyea mmusuakuo dummienu a wɔahweteɛ no.

Gyidie ne nyansa

2 Rom 5.3-5 Me nuanom, sɛ mohwe sɔhwɛ ahodoɔ bebree mu a, mommu no anigyeɛ koraa,

3na monhunu sɛ mo gyidie no sɔhwɛ yɛ boasetɔ ho adwuma.

4Na momma boasetɔ no nwie n’adwumayɛ pɛ, na moayɛ pɛ a ɛnkaa mo biribiara ara.

Nyansa a ɛfiri Onyankopɔn

5 Mmb 2.3-6 Na sɛ ɛka mo mu bi nyansa a, ma no mmisa Onyankopɔn a ɔma nnipa nyinaa adeɛ kwa na ahohora nni mu no, na wɔde bɛma no.

6Mar 11.24 Na gyidie mu na ma no mmisa, na ɔnnnye biribiara ho kyim, ɛfiri sɛ deɛ ɔgye kyim no te sɛ ɛpo asorɔkyeɛ a mframa rebɔ de no redi akɔneaba.

7Na mma saa onipa no nnsusu sɛ ɔbɛnya Awurade hɔ biribiara.

8Ɛfiri sɛ, onipa a n’adwene yɛ no ntanta no hinhim n’akwan nyinaa mu.

Ohia ne ahonya

9 Yak 2.5 Na ma onua a wɔabrɛ aseɛ nhoahoa ne ho, sɛ wɔrema ne soɔ no mu,

101 Pe 1.24 na ɔdefoɔ nso deɛ, sɛ wɔrebrɛ no aseɛ no mu, ɛfiri sɛ ɔbɛsene akɔ sɛ wiram nhwiren.

11Yes 40.6-7 Na owia de ne hyehyeɛ firi, na ɛhye wira no a, na ne nhwiren apo, na n’ahoɔfɛ asɛe; saa ara na ɔdefoɔ nso bɛkusa wɔ n’akwan soɔ.

Nsɔhwɛ

12 2 Ti 4.8 Nhyira ne onipa a ɔto ne bo ase wɔ sɔhwɛ mu. Na sɛ ɔnya firi mu fi tɔtorɔtɔɔ a, ɔbɛnya nkwa abotire a Awurade de ahyɛ wɔn a wɔdɔ no no bɔ.

13Sɛ wɔsɔ obi hwɛ a, mma no nnka sɛ: Onyankopɔn na ɔsɔ me hwɛ. Ɛfiri sɛ bɔne bi nsɔ Onyankopɔn nhwɛ, na ɔno nso nsɔ obiara nhwɛ.

14Rom 7.7-8 Na wɔsɔ obiara hwɛ a, na ɛyɛ ɔno ara n’akɔnnɔ, a ɛgyegye na ɛdaadaa no na ɛsɔ no hwɛ;

15Rom 7.10 na akɔnnɔ no nyinsɛn a, ɛwo bɔne, na bɔne no wie nyini a, ɛwo owuo.

16Me nuanom adɔfo, mommma wɔnnnaadaa mo.

17 1 Yoh 1.5 Akyɛdeɛ pa nyinaa ne akyɛdeɛ a ɛyɛ pɛ nyinaa firi soro, ɛfiri hann Agya no nkyɛn na ɛba. Ɔno na nsakyeraeɛ ne adaneadane sunsum nni ne mu.

18Yoh 1.13; 1 Pe 1.23 Ɔnam ɔno ara ne pɛ so na ɔde ne nokwasɛm woo yɛn, sɛ yɛnyɛ n’abɔdeɛ no mu adekan bi.

Ɔsetie mu nhyira

19 Ɔsɛ 7.9 Me nuanom adɔfo, monhunu yei sɛ: Nnipa nyinaa nyɛ ntɛm ntie, nyɛ nyaa nkasa, na wɔnyɛ nyaa mfa abufuo;

20Efe 4.26 ɛfiri sɛ onipa abufuo nyɛ Nyankopɔn tenenee mu adeɛ.

21Kol 3.8; 1 Pe 2.1 Enti monyi efi ne bɔne nyinaa nto ntwene, na momfa ɔdwoɔ nnye asɛm a wɔatɛ no mo mu a ɛbɛtumi agye mo kra no.

22 Mat 7.26; Rom 2.13 Na monyɛ asɛm no yɛfoɔ, na monnyɛ atiefoɔ nko ara nnaadaa mo ho.

23Na sɛ obi yɛ asɛm no tiefoɔ na ɔnyɛ ɔyɛfoɔ a, ɔte sɛ onipa a ɔhwɛ n’anim suban ahwehwɛ mu.

24Na ɔhwɛ ne ho na ɔkɔ, na ntɛm ara na ne werɛ afiri su ko a ɔkura.

25Yak 2.12; Rom 8.2; Yoh 13.17 Na deɛ ɔkoto hwɛ adehyedie mmara a ɛdi mu no mu, na ɔtena mu, na ɔnyɛ otiefoɔ werɛfirifoɔ, na mmom ɔyɛ adwuma no yɛfoɔ no, onii no na wɔbɛhyira no n’adeyɛ no mu.

26 Dwom 34.13 Sɛ obi susu sɛ ɔyɛ onyamesomni, na wanto ne tɛkyerɛma nnareka, na mmom ɔdaadaa n’akoma a, saa onipa yi nyamesom yɛ ɔkwa.

27Onyamesom a ɛho teɛ na ɛho nni fi wɔ Agya Nyankopɔn anim ne sɛ obi kɔhwɛ nnyanka ne akunafoɔ wɔ wɔn ahohiahia mu, na ɔyi ne ho firi wiase nkekaeɛ mu.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help