Deuteronomium 6 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Mmara nsɛm kɛseɛ no

1Na yei ne mmara nsɛm, ahyɛdeɛ ne atemmudeɛ a AWURADE mo Nyankopɔn ahyɛ sɛ wɔnkyerɛkyerɛ mo na monyɛ asase a moretwam akɔfa no soɔ,

2na woasuro AWURADE wo Nyankopɔn adi n’ahyɛdeɛ ne ne mmara nsɛm a merehyɛ woɔ yi nyinaa so, wo ne wo ba ne wo ba ba, wo nkwa nna nyinaa, na wo nna aware.

3Enti, Israel, tie, na hwɛ yɛ, na asi wo yie, na woadɔɔso pii, sɛdeɛ AWURADE wo nananom Nyankopɔn ka kyerɛɛ woɔ no, asase a nufosuo ne ɛwoɔ sene soɔ no so.

4Mar 12.29; 1 Ko 8.4, 6 Israel, tie, AWURADE yɛn Nyankopɔn yɛ AWURADE koro.

5Deut 10.12; Mat 22.37 Na fa w’akoma nyinaa ne wo kra nyinaa ne w’ahoɔden nyinaa dɔ AWURADE wo Nyankopɔn.

6Deut 11.18-20 Na nsɛm yi a merehyɛ wo nnɛ yi nna w’akoma so;

7Gye 18.19 na fa kyerɛkyerɛ wo mma yie, na kasa ho, w’afitena mu ne wo kwan so nanteɛ mu ne wo nna mu ne wo sɔreɛ mu;

8Eks 13.9 na fa yɛ nsɛnkyerɛnneɛ kyekyere wo nsa, na ɛnyɛ w’aniwa ntam nkaeɛ abotire;

9na twerɛ gu wo fie aponnwa ho ne w’aponkɛseɛ so.

Asoɔden ho kɔkɔbɔ

10Na sɛ AWURADE wo Nyankopɔn nya de wo duru asase a ɔkaa wo nananom Abraham, Isak ne Yakob ntam sɛ ɔde bɛma woɔ no so, nkuro akɛseɛ a ɛyɛ fɛ a ɛnyɛ wo na wokyekyereeɛ,

11Deut 8.10 ne adan a nnepa nyinaa ayɛ no amaama a ɛnyɛ wo na wode hyehyɛɛ mu, ne mmura a wɔatutuo a ɛnyɛ wo na wotutuiɛ, bobe nturo ne ngodua nturo a ɛnyɛ wo na wotetɛeɛ, na sɛ wodidi mee a,

12hwɛ yie na wo werɛ amfiri AWURADE a ɔyii wo Misraim asase so firii nkoafie mu no:

13Deut 10.20; Mat 4.10 AWURADE wo Nyankopɔn na suro no, na ɔno na som no, na ne din ho ntam na ka;

14monnni anyame foforɔ a wɔfiri amanaman a wɔgugu mo ho no anyame no akyi;

15Eks 20.5 na AWURADE wo Nyankopɔn a ɔwɔ wo mu no yɛ Onyankopɔn ninkufoɔ, na AWURADE wo Nyankopɔn abufuo annɛre antia wo, na wansɛe wo amfiri asase ani.

16 Mat 4.7; Eks 17.2, 7 Monnsɔ AWURADE mo Nyankopɔn nnhwɛ, sɛdeɛ mosɔɔ no hwɛɛ Masa hɔ no;

17monni AWURADE mo Nyankopɔn mmara nsɛm ne n’adansesɛm ne n’ahyɛdeɛ a wahyɛ mo no so pɛpɛɛpɛ;

18na yɛ deɛ ɛtene na ɛyɛ AWURADE ani soɔ, na asi wo yie, na woakɔ akɔfa asase pa a AWURADE kaa ho ntam kyerɛɛ wo nananom no,

19Eks 23.27-28 na watu w’atamfo nyinaa afiri w’anim, sɛdeɛ AWURADE kaeɛ no.

20 Eks 13.14 Sɛ ɔkyena bi, wo ba bisa wo sɛ: Adansesɛm ne ahyɛdeɛ ne atemmudeɛ bɛn na AWURADE yɛn Nyankopɔn de hyɛɛ mo yi?

21Dwom 44.1 Ka kyerɛ wo ba no sɛ: Na anka yɛyɛ Farao nkoa Misraim, na AWURADE de nsa a ɛyɛ den yii yɛn firii Misraim;

22na AWURADE maa nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ akɛseɛ a ɛyɛ hu baa Misraim, Farao ne ne fie nyinaa so wɔ yɛn anim;

23na yɛn deɛ, ɔyii yɛn firii hɔ sɛ ɔde yɛn reba de asase a ɔkaa ho ntam kyerɛɛ yɛn nananom no abɛma yɛn.

24Na AWURADE hyɛɛ yɛn sɛ yɛnyɛ ahyɛdeɛ yi nyinaa na yɛnsuro AWURADE yɛn Nyankopɔn, na ɛnsi yɛn yie nna nyinaa, na ɔmma yɛnnya nkwa, sɛdeɛ ɛteɛ nnɛ yi;

25na sɛ yɛhwɛ di mmara nsɛm yi nyinaa so, AWURADE yɛn Nyankopɔn anim, sɛdeɛ ɔhyɛɛ yɛn no a, ɛbɛyɛ yɛn ateneneefoɔ.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help