Kolosefoɔ NHYƐNMU - New Revised Asante Twi Bible(ASW)
NHYƐNMUPaulo krataa a ɔtwerɛ kɔmaa asafo a ɛwɔ Kolose a ɛwɔ Asia kumaa a ɛwɔ Efeso apueeɛ. Asafo yi nka asafo ahodoɔ a Paulo ankasa bueeɛ no ho, nanso ɔhunuu sɛ ɛsɛ sɛ ɔhwɛ so, enti na na ɔsoma adwumayɛfoɔ firi Efeso a na ɛyɛ kuropɔn wɔ Roma mantam mu wɔ Asia ma wɔkɔ hɔ. Na Paulo ahunu sɛ, akyerɛkyerɛfoɔ atorofoɔ bi wɔ Kolose asafo no mo a wɔaka no denden so sɛ, ɛsɛ sɛ wɔsom “honhom mu atumfoɔ ne mpaninnie bi” ansa na obi atumi ahunu Onyankopɔn na wanya nkwagyeɛ. Saa akyerɛkyerɛfoɔ yi ka kaa ho sɛ, ɛsɛ sɛ woyɛ amanneɛ bi te sɛ twetiatwa na wodi nhyehyɛɛ a ɛwɔ hɔ wɔ nnuane ne deɛ ɛkeka ho no nyinaa so.Paulo de nokorɛ Kristosom nkyerɛkyerɛ na ɛko tiaa saa nkyerɛkyerɛ bɔne yi. Asɛm titire a ɛwɔ ne mmuaeɛ no mu ne sɛ, Yesu Kristo tumi ma nkwa a ebi nka, na mmom gyidie ne nnoɔma a Onyankopɔn nam Kristo so bɔɔ wiase na ɔnam ne so de bɛsane aba ne nkyɛn. Nnipa anidasoɔ wɔ nkwagyeɛ mu ara ne sɛ wɔne Kristo bɛnya nkabom. Na afei Paulo kyerɛkyerɛɛ deɛ saa nkyerɛkyerɛ kɛseɛ yi wɔka fa agyidifoɔ abrabɔ ho.Ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no nso sɛ Tihiko a Paulo de krataa yi somaa no kɔɔ Kolose no, na Onesimo ka ne ho. Onesimo ne akoa no a Paulo twerɛɛ no ho krataa kɔmaa Filemon no.EMU NSƐMAhyɛaseɛ nkyerɛkyerɛmu 1.1-8Kristo su ne n’adwuma 1.9—2.19Nkwa foforɔ a ɛwɔ Kristo mu 2.20—4.6Awieeɛ 4.7-18