Nnwom 110 - New Revised Asante Twi Bible(ASW)

Ɔsɔfoɔ a ɔdi heneDawid dwom.

1 1 Ko 15.25; Heb 10.12-13 AWURADE asɛm a ɔse me wura nie:

Tena me nifa kɔsi sɛ mede w’atamfo

bɛyɛ wo nan ase ntiasoɔ.

2 Dwom 2.6 Wo tumidie poma no,

AWURADE firi Sion bɛtene.

“Di hene w’atamfo mfimfini!”

3 Dwom 29.2 Wo man bɛyi wɔn yam koraa aba wo koda no,

aduradeɛ kronkron mu,

wo mmeranteɛ asafo

ba ma wo sɛ obosuo

firi adekyeeɛ yam.

4 Gye 14.18-20; Heb 5.10; 6.20; 7.17, 21 AWURADE aka ntam,

na ɔrennu ne ho:

Woyɛ daapem sɔfoɔ,

Melkisedek dibea so.

5AWURADE a ɔwɔ wo nifa soɔ no

bɛbobɔ ahemfo, n’abufuo da no.

6 Dwom 2.2, 5, 9 Ɔbɛdi amanaman mu asɛm,

ɔbɛma afunu ahyɛ hɔ ma.

Ɔbɛbobɔ tire

asase a ɛtrɛ so.

7 Flp 2.8-9 Ɔbɛnom kwan ho asutene mu nsuo,

enti na ɔbɛma ne tiri soɔ.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help