1Na ntɛm ara, ɛrekɔ anɔpa no, asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Atwerɛfoɔ ne badwafoɔ no nyinaa tuu agyina, na wɔkyekyeree Yesu de no kɔ kɔhyɛɛ Pilato nsa.
2Na Pilato bisaa no sɛ: Wone Yudafoɔ hene no anaa? Na Yesu bua see no sɛ: Wo na woreka.
3Na asɔfoɔ mpanin no totoo n’ano pii.
4Na Pilato bisaa no bio sɛ: Wommua hwee? Hwɛ nsɛm pii a wɔreka gu wo soɔ yi?
5
29Mar 14.58 Na wɔn a wɔretwam no kaa abususɛm tiaa no, wosoo wɔn ti kaa sɛ: Ao, wo a wodwiri asɔredan, na wosi no nnansa nie!
30Gye wo ho, na firi asɛnnua no so si fam!
31Saa ara na asɔfoɔ mpanimfoɔ ne Atwerɛfoɔ no goroo ne ho wɔ wɔn ntam sɛ: Ɔgyee ebinom, na ɔntumi nnye ne ho.
32Mat 16.1; 16.4 Afei ma Kristo, Israel hene no, mfiri asɛnnua no so nsi fam, na yɛnhunu, na yɛnnye nni! Na wɔn a wɔbɔɔ wɔn ne no asɛnnua mu no nso yaa no.
Yesu wuo33Na ɛbɔɔ awia dummienu no, esum duruu asase no nyinaa so kɔsii nnɔnmmiɛnsa.
34Dwom 22.1 Na ɛbɔɔ awia nɔnmmiɛnsa no, Yesu de nne kɛseɛ teaa mu sɛ: Eloi, Eloi, lama sabaktani? A nkyerɛaseɛ ne: Me Nyankopɔn, me Nyankopɔn, adɛn nti na woapa me yi?
35Na wɔn a wɔgyina hɔ binom teeɛ no, wɔkaa sɛ: Hwɛ, ɔrefrɛ Elia!
36Na ɔbaako tuu mmirika de sapɔ kɔbɔɔ nsa kekakeka bi mu de tuaa demmire ano, de maa no sɛ ɔnom, na ɔkaa sɛ: Monnyae mma yɛnhwɛ sɛ Elia bɛba abɛyi no asi fam anaa?
37Na Yesu de nne kɛseɛ teaa mu no, ɔwui.
38Na ntoma a ɛtwa asɔredan mu no mu tee mmienu firi soro bɛsii fam.
39Na asraafoɔ ɔha so panin a ɔgyina n’anim ntentensoɔ no hunuu sɛ ɔteaa mu saa na ɔwuiɛ no, ɔkaa sɛ: Ampa ara, onipa yi yɛ Nyankopɔn ba!
40Luka 8.2, 3 Mmaa bi nso wɔ hɔ a na wɔgyina akyirikyiri rehwɛ; na Maria Magdalene nso ne Yakobo kumaa ne Yose ne na Maria, ne Salome ka ho;
41wɔn nso, ɔwɔ Galilea no, wɔdii n’akyi, na wɔsomm no, ne mmaa afoforɔ pii a wɔne no baa Yerusalem no.
Yesu amu sie(Mateo 27.57-61; Luka 23.50-55; Yohane 19.38-42)42Na ɛnya duruu anwummerɛ, na ɛyɛ ahosiesie da a ɛne da a ɛdi homeda anim no nti,
43Yosef a ɔfiri Arimatea, ɔbadwani a ɔwɔ din pa a ɔno nso retwɛn Nyankopɔn ahennie no de akokoɔduro kɔɔ Pilato nkyɛn kɔsrɛɛ Yesu amu no.
44Na Pilato adwene mu yɛɛ no naa, ɛfiri sɛ na ɔnnim sɛ wawu ampa anaa! na ɔfrɛɛ asraafoɔ ɔha so panin no bisaa no sɛ ɔwuiɛ akyɛ anaa?
45Na ɔte firii asraafoɔ ɔha so panin no hɔ sɛ wawu no, ɔde amu no maa Yosef.
46Na ɔtɔɔ nwera bi, na ɔyii no de nwera no kyekyeree ne ho, na ɔde no kɔtoo ɛda a wɔatwa no ɔbotan bi mu, na ɔmunii ɛboɔ hinii ɛda no ano.
47Na Maria Magdalene ne Maria Yose ne na, hunuu faako a wɔde no toeɛ.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.