1 Dwom 39.1; Yes 30.15 Ampa, me kra yɛ komm hwɛ Onyankopɔn ara;
ne nsam na menya nkwagyeɛ.
2Ampa ara, ɔne me botan ne me nkwagyeɛ,
m’abankɛseɛ, merenhinhim bebree bi.
3Mobɛha ɔbaakofoɔ akɔsi da bɛn,
na mo nyinaa adwiri no
sɛ ɔfasuo a akyea ne ɛban a agoɔ?
4Ampa ara, wɔatu agyina sɛ wɔbɛtu no so.
Wɔpɛ atorɔdie,
wɔde wɔn ano hyira,
nanso wɔn mu deɛ, wɔdome.
5Ampa, me kra, yɛ komm hwɛ Onyankopɔn ara,
na ne nsam na menya deɛ m’ani da soɔ.
6 Dwom 18.1-2 Ampa ara, ɔne me botan ne me nkwagyeɛ,
m’abankɛseɛ, merenhinhim.
7 Dwom 61.3 Nyankopɔn nsam na me nkwagyeɛ ne m’animuonyam wɔ,
me botan a ɛyɛ den, me dwanekɔhyɛbea ne Onyankopɔn.
8Nkurɔfoɔ, momfa mo ho nto ne so daa.
Monyi mo yam nkyerɛ no,
Onyankopɔn ne yɛn dwanekɔhyɛbea.
9Ampa ara, nnipa mma yɛ huhuo,
mmarima mma yɛ atorɔdeɛ.
Wɔgu nsaniam a, ɛhwan kɔ soro,
wɔn nyinaa yɛ huhuo.
10 Mat 19.22; Luka 12.19-20; 1 Ti 6.17 Mommfa mo ho nnto amimdie so,
na monnyɛ dwotwa ho ahokyerɛ.
Sɛ ahonyadeɛ dɔre a, mommfa mo akoma nnto so.
11Na Onyankopɔn akasa prɛko,
mprenu na mateɛ:
Sɛ tumi yɛ Nyankopɔn dea,
12 Rom 2.6-11 na wo, AWURADE, na adom wɔ woɔ.
Na wobɛtua onipa ka
sɛdeɛ n’adwuma teɛ.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.
