Adiyisɛm 19 - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)

Nnipakuo A Wɔwɔ Ɔsoro No Ani Gye

1Yei akyi no, metee nne bi te sɛ nnipakuo a wɔwɔ ɔsoro reteam sɛ,

“Haleluia!

Nkwagyeɛ ne animuonyam ne tumi wɔ yɛn Onyankopɔn,

2ɛfiri sɛ, nʼatemmuo yɛ nokorɛ

na ɛyɛ sɛ ɔbuu odwamanfoɔ kɛseɛ

a ɔde nʼadwamammɔ asɛe asase no atɛn.

Onyankopɔn atwe nʼaso ɛfiri sɛ, ɔkumm nʼasomfoɔ.”

3Na afei, wɔteaam bio sɛ,

“Haleluia!

Wisie bɛfiri kuro no mu akɔ ɔsoro daa daa.”

4Mpanimfoɔ aduonu ɛnan ne ateasefoɔ baanan no butubutuu Onyankopɔn a ɔte nʼahennwa so no anim somm no. Na wɔteaam sɛ,

“Amen, Haleluia!”

5Afei, nne bi firi ahennwa no so baa sɛ,

“Monkamfo yɛn Onyankopɔn,

mo a moyɛ nʼasomfoɔ nyinaa,

mo a mosuro no,

akɛseɛ ne nkumaa!”

6Afei, metee nne bi te sɛ nnipadɔm a ɛte sɛ nsuworosoɔ ne aprannaa a ɛrepaapae a ɛreteam sɛ,

“Haleluia!

Yɛn Otumfoɔ Awurade Onyankopɔn di ɔhene.

7Momma yɛn ho nsɛpɛ yɛn na yɛn ani nnye

na yɛnhyɛ no animuonyam!

Ɛfiri sɛ Odwammaa no ayeforɔhyia aduru,

na nʼayefokunu asiesie ne ho.

8Wɔde nwera pa a ani hyerɛn na ani teɛ

maa no sɛ ɔnhyɛ.”

(Nwera no kyerɛ ahotefoɔ tenenee nneyɛɛ.)

9Afei, ɔbɔfoɔ no ka kyerɛɛ me sɛ, “Twerɛ sɛ, Nhyira nka wɔn a wɔato nsa afrɛ wɔn Odwammaa no ayeforɔhyia anwummerɛ apontoɔ ase.” Ɔka kaa ho sɛ, “Yei yɛ Onyankopɔn asɛm turodoo.”

10Mebutuu ne nan ase pɛɛ sɛ mesom no. Nanso, ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Nyɛ saa, ɛfiri sɛ, meyɛ ɔsomfoɔ te sɛ wo ne wo nuanom a wɔdi Yesu ho adanseɛ no. Som Onyankopɔn ɛfiri sɛ, nokorɛ a Yesu daa no adi no na ɛhyɛ adiyifoɔ no nkuran.”

Ahene Mu Ɔhene

11Afei, mehunuu sɛ ɔsoro abue a ɔpɔnkɔ fitaa wɔ hɔ. Na deɛ ɔte ne so no edin de “Ɔseadeɛyɛ ne Ɔnokwafoɔ.” Nokorɛ na ɔgyina so bu atɛn na ɔko ne ko.

12Nʼaniwa te sɛ ogya a ɛrederɛ na ɔhyɛ ahenkyɛ bebree. Na ɔwɔ din bi a wɔatwerɛ agu ne ho, nanso na obiara nnim edin no nkyerɛaseɛ ka ne ho.

13Na ɔhyɛ atadeɛ bi a wɔde anu mogya mu. Na ne din ne “Onyankopɔn Asɛm”

14Ɔsoro asraafoɔ a wɔhyehyɛ nwera fitaa a ani te a wɔtete apɔnkɔ fitafitaa so dii nʼakyi.

15Akofena a ano yɛ nnam yie a ɔde bɛdi aman so firii nʼanom baeɛ. Dadeɛ poma na ɔde bɛdi wɔn so. Sɛdeɛ wɔtiatia bobe a ɛwɔ nsakyiamena mu no so no, saa ara na ɔbɛtiatia nnipa no so de akyerɛ Onyankopɔn Otumfoɔ no abufuo.

16Na wɔatwerɛ edin agu nʼatadeɛ mu ne ne srɛ ho sɛ:

ahene mu ɔhene ne awuranom mu awurade.

17Afei, mehunuu ɔbɔfoɔ bi a ɔgyina owia mu. Ɔteaam guu nnomaa a wɔnam ewiem nyinaa so sɛ, “Mommra mmɛhyiam wɔ Onyankopɔn apontoɔ kɛseɛ no ase.

18Mommɛdi ahemfo nam ne asafohene nam ne atumfoɔ nam ne apɔnkɔ ne wɔn sotefoɔ nam ne adehyeɛ ne nkoa ne akɛseɛ ne nkumaa nyinaa nam.”

19Afei, mehunuu aboa no ne asase so ahene ne wɔn asraafoɔ a wɔaboa wɔn ho ano rekɔko atia deɛ ɔte ɔpɔnkɔ no so no ne ne dɔm.

20Wɔkyeree aboa no ne nʼatorɔdiyifoɔ a ɔyɛɛ anwanwadeɛ maa no no. Saa anwanwadeɛ no so na ɔnam daadaa wɔn a wɔde aboa no ahyɛ wɔn agyiraeɛ ne wɔn a wɔsom aboa no ohoni no. Wɔtoo aboa no ne atorɔdiyifoɔ no anikann guu ogya ɔtadeɛ a sɔfe na na ɛrederɛ wɔ mu no mu.

21Wɔde akofena a ɛfiri ɔpɔnkɔkafoɔ no anom kunkumm wɔn asraafoɔ, na nnomaa no dii wɔn nam sɛdeɛ wɔbɛtumi.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help