Nnwom 86 - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)

Dwom 86Dawid mpaeɛbɔ.

1Ao Awurade, tie me na gye me so,

ɛfiri sɛ meyɛ ohiani ne mmɔborɔni.

2Bɔ me nkwa ho ban, ɛfiri sɛ mede me ho ama wo.

Wone me Onyankopɔn, gye wʼakoa a

ɔde ne ho to wo so.

3Ao Awurade, hunu me mmɔbɔ,

na mesu frɛ wo daa nyinaa.

4Ma wʼakoa ani nnye,

na wo Awurade, wo nkyɛn

na mema me kra so ba.

5Ao Awurade, woyɛ, na wode bɔne kyɛ,

wowɔ ɔdɔ mmorosoɔ ma wɔn a wɔsu frɛ wo nyinaa.

6Ao Awurade, tie me mpaeɛbɔ;

tie me mmɔborɔ su.

7Mɛfrɛ wo mʼahohia da mu,

na wobɛgye me so.

8Ao Awurade, onyame bi nni hɔ a ɔte sɛ wo;

na wɔn nnwuma biara nto wo deɛ.

9Ao Awurade, aman a woakyekyere nyinaa

bɛba abɛsom wo wɔ wʼanim;

wɔbɛba abɛhyɛ wo din animuonyam.

10Woyɛ kɛseɛ, na woyɛ anwanwa nnwuma;

wo nko ara ne Onyankopɔn.

11Ao Awurade, kyerɛ me wʼakwan,

na mɛnante wo nokorɛ mu;

ma memfa mʼakoma nyinaa mma wo

na masuro wo din.

12Mede mʼakoma nyinaa mɛyi wo ayɛ, Ao Awurade me Onyankopɔn

na mahyɛ wo din animuonyam daa nyinaa.

13Ɛfiri sɛ, ɔdɔ a wode dɔ me no so;

woayi me afiri owuo amena mu tɔnn.

14Ao Onyankopɔn, ahomasofoɔ ato ahyɛ me so;

basabasayɛfoɔ kuo repɛ me akum me,

nnipa a wɔmmfa wo nyɛ hwee no.

15Nanso wo, Ao Awurade, woyɛ mmɔborɔhunufoɔ ne ɔdomfoɔ Onyankopɔn,

wo bo kyɛre fu, na wʼadɔeɛ ne wo nokorɛ dɔɔso.

16Dane wʼani hwɛ me na dom me;

fa wʼahoɔden ma wʼakoa

na gye wʼafenaa babarima nkwa.

17Ma me wo papayɛ ho nsɛnkyerɛnneɛ,

na mʼatamfoɔ nhunu na wɔn anim ngu ase

na wo Ao Awurade, wo na woaboa me akyekye me werɛ.

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help