Mika Nnianimu - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)

NnianimuMika bɛyɛɛ odiyifoɔ wɔ Yudaman mu. Nwoma yi ka Samaria ne aman amanmufoɔ ho asɛm; na ɛbɔ wɔn kɔkɔ fa atemmuo ne nnommumfa a ɛreba Israel a ɛyɛ Atifi fam Ahemman no so, wɔ abosomsom ne nhyɛsotrasoɔ a awurawura nkuropɔn te sɛ Samaria ne Yerusalem mu no enti.Mika Nwoma no kasa tia bɔne ahodoɔ bi te sɛ korɔno, anibereɛ, ɔbrabɔne, nhyɛsotrasoɔ, nyaatwom, abususɛnka, ntɛnkyea, ahupoo, nkontompo, awudie ne deɛ ɛkeka ho.Ɔsɛeɛ ho nkɔmhyɛ yi akyi no, nwoma yi twe adwene si anidasoɔ ne awerɛkyekyerɛ a ɛfiri Onyankopɔn hɔ. Atemmuo bɛba, nanso Onyankopɔn mmɔborɔhunu no enti, ɔma berɛ ma adwensakyera.Nwoma no wie sɛ Onyankopɔn bɔhyɛ a ɛka sɛ aman nyinaa bɛsane abɛsom no na wanya ne nhyira no bɛba mu.Emu NsɛmIsrael ne Yuda atemmuo (1.1–3.12)Yudaman bɛnya asomdwoeɛ (4.1–5.15)Kɔkɔbɔ ne anidasoɔ (6.1–7.20)
Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help