1Yeinom ne Yudafoɔ nnommumfoɔ a wɔwɔ amantam no mu a wɔfiri nnommum mu baa Yerusalem ne Yuda nkuro bi so no. Ɔhene Nebukadnessar na ɔtwaa wɔn asuo kɔɔ Babilonia.
2Na wɔn ntuanofoɔ yɛ Serubabel, Yesua, Nehemia, Seraia, Reelaia, Mordekai, Bilsan, Mispar, Bigwai, Rehum ne Baana.
Israel mmarima a wɔfiri asutwa mu baeɛ no dodoɔ nie:
3Dodoɔ a wɔyɛ
Paros abusuafoɔ
2,172
4Sefatia abusuafoɔ
372
5Arah abusuafoɔ
775
6Pahat-Moab abusuafoɔ (Yesua ne Yoab asefoɔ)
2,812
7Elam abusuafoɔ
1,254
8Satu abusuafoɔ
945
9Sakai abusuafoɔ
760
10Bani abusuafoɔ
642
11Bebai abusuafoɔ
623
12Asgad abusuafoɔ
1,222
13Adonikam abusuafoɔ
666
14Bigwai abusuafoɔ
2,056
15Adin abusuafoɔ
454
16Ater abusuafoɔ (Hesekia asefoɔ)
98
17Besai abusuafoɔ
323
18Yora abusuafoɔ
112
19Hasum abusuafoɔ
223
20Gibar abusuafoɔ
95
21Betlehemfoɔ
123
22Netofafoɔ
56
23Anatotfoɔ
128
24Asmawetfoɔ
42
25Kiriat-Yearimfoɔ, Kefirafoɔ ne Beerotfoɔ
743
26Ramafoɔ ne Gebafoɔ
621
27Mikmasfoɔ
122
28Bet-Elfoɔ ne Aifoɔ
223
29Nebo ɔman mma
52
30Magbis ɔman
156
31Elam ɔman mma
1,254
32Harim ɔman mma
320
33Lod, Hadid ne Ono ɔman mma
725
34Yeriko ɔman mma
345
35Senaa ɔman mma
3,630
36Yeinom ne asɔfoɔ a wɔfiri asutwa mu baeɛ:
Yedaia abusuafoɔ (a ɛfa Yesua fiefoɔ)
973
37Imer abusuafoɔ
1,052
38Pashur abusuafoɔ
1,247
39Harim abusuafoɔ
1,017
40Yeinom ne Lewifoɔ a wɔfiri asutwa mu baeɛ:
Yesua ne Kadmiel abusuafoɔ (Hodawia asefoɔ)
74
41Nnwontofoɔ:
Asafabusuafoɔ
128
42Aponoanohwɛfoɔ:
Salum, Ater, Talmon abusuafoɔ
Akub, Hatita ne Sobai abusuafoɔ
139
43Asɔredan asomfoɔ:
Siha, Hasufa, Tabaot asefoɔ,
44Keros, Siaha, Padon asefoɔ,
45Lebana, Hagaba, Akub asefoɔ,
46Hagab, Salmai, Hanan asefoɔ,
47Gidel, Gahar, Reaia asefoɔ,
48Resin, Nekoda, Gasam asefoɔ,
49Usa, Paseah, Besai asefoɔ,
50Asna, Meunim, Nefus asefoɔ,
51Bakbuk, Hakufa, Harhur asefoɔ,
52Baslut, Mehida, Harsa asefoɔ,
53Barkos, Sisera, Tema asefoɔ,
54Nesia ne Hatifa.
55Ɔhene Salomo asomfoɔ asefoɔ yi nso firi asutwa mu baeɛ:
Sotai, Hasoferet, Peruda asefoɔ,
56Yaala, Darkon, Gidel asefoɔ,
57Sefatia, Hatil,
Pokeret-Hasebaim ne Ami.
58Ne nyinaa mu, na asɔredan mu asomfoɔ ne Salomo asefoɔ asomfoɔ no dodoɔ yɛ
392
59Saa ɛberɛ no, nnipakuo foforɔ a wɔfiri Tel-Mela, Tel-Harsa, Kerub, Adan ne Imer nkuro so sane baa Yerusalem. Nanso, wɔantumi ankyerɛ mu sɛ, wɔn anaa wɔn abusuafoɔ yɛ Israel asefoɔ.
Saa nnipakuo yi ne:
60Delaia, Tobia ne Nekoda mmusua a wɔn dodoɔ yɛ
652
61Asɔfoɔ mmusua mmiɛnsa:
Habaia, Hakos ne Barsilai no nso sane baa Yerusalem. (Saa Barsilai yi, na waware Barsilai a ɔfiri Gilead no mmammaa no mu baako a enti na wafa nʼabusua din.)
62Nanso, na wɔayera wɔn abusuadua nwoma no enti wɔamma wɔn ho kwan amma wɔansom sɛ asɔfoɔ.
63Na amrado no hyɛɛ wɔn sɛ mma wɔn ne asɔfoɔ no nni afɔrebɔ nnuane no, gye sɛ ɔsɔfoɔ bi de ntonto kronkron bɔ a wɔfrɛ no Urim ne Tumim akyerɛ wɔn gyinabea wɔ saa asɛm yi ho.
64Enti, nnipa dodoɔ a wɔsane baa Yuda no yɛ mpem aduanan mmienu ne ahasa aduosia (42,360),
65a asomfoɔ mpem nson ahasa aduasa nson (7,337) nka ho, ne nnwomtofoɔ ahanu (200) a wɔyɛ mmarima ne mmaa.
66Wɔde apɔnkɔ ahanson aduasa nsia (736), mfunumu ahanu aduanan enum (245),
67nyoma ahanan aduasa enum (435) ne mfunumpɔnkɔ mpem nsia ne ahanson aduonu (6,720) kaa wɔn ho kɔeɛ.
68Ɛberɛ a wɔduruu Awurade asɔredan no ho wɔ Yerusalem no, abusua ntuanofoɔ no bi firii akoma pa mu yii ntoboa a wɔde bɛsiesie Awurade asɔredan no wɔ ne siberɛ dada mu hɔ.
69Na ntuanoni biara maa deɛ ɔbɛtumi. Akyɛdeɛ a wɔde maeɛ no nyinaa ano sii sikakɔkɔɔ sika pranpran ɔpeduosia baako (61,000), dwetɛ nkariboɔ kilogram mpem mmiɛnsa (3,000) ne asɔfotadeɛ ɔha (100) a wɔde bɛma asɔfoɔ.
70Enti, asɔfoɔ, Lewifoɔ, nnwomtofoɔ, aponoanohwɛfoɔ, asɔredan mu asomfoɔ ne ɔman mma no bi tenaa nkuraa a ɛbɛn Yerusalem. Nkaeɛ no sane kɔɔ Yuda nkuro afoforɔ bi a wɔfifirii hɔ baeɛ no so.
Who We AreWhat We EelieveWhat We Do
2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.