Hiob 4 - Asante Twi Nkwa As?m(ASCB)

Elifas Mmuaeɛ A Ɛdi Ɛkan

1Na Temanni Elifas buaa Hiob sɛ,

2“Sɛ obi pɛ sɛ ɔne wo kasa a, worennya ntoboaseɛ mma no anaa?

Hwan na wɔbɛtumi aka nʼano ato mu?

3Dwene sɛdeɛ wakyerɛkyerɛ nnipa bebree,

sɛdeɛ woahyɛ nsa a emu ayɛ mmerɛ den.

4Wo nsɛm ahyɛ wɔn a wɔasunti no den;

woahyɛ nkotodwe a ayɛ mmerɛ mu den.

5Na afei a ɔhaw aba no, wʼaba mu abu;

aba wo so, na wo ho adwiri wo.

6Wo nyamesuro mma wo ahotosoɔ anaa,

na wʼakwan a ɛho nni asɛm mma wo anidasoɔ anaa?

7“Dwene ho: Wɔasɛe obi a ne ho nni asɛm pɛn anaa?

Ɛhefa na wɔsɛee obi a ɔyɛ pɛ?

8Sɛdeɛ mahunu no, wɔn a wɔfɛntɛm bɔne

ne wɔn a wɔdua ɔhaw no, wɔtwa so aba.

9Sɛ Onyankopɔn home a, wɔsɛe;

nʼabufuo ma wɔyera.

10Agyata bɛtumi abobom na wɔapɔ so,

nanso wɔbɛbubu gyata akɛseɛ no se.

11Gyata annya haboa a ɔwu,

na gyatabereɛ mma no bɔ hwete.

12“Wɔbɛkaa kokoamsɛm bi kyerɛɛ me

na mʼaso tee no sɛ asomusɛm.

13Wɔ anadwo daeɛso basabasa mu,

ɛberɛ a nnipa adeda nnahɔɔ no,

14ehu ne nketenkete kyeree me.

Ɛmaa me nnompe nyinaa wosoeɛ.

15Honhom bi twaa mʼani so,

na me ho nwi sɔre gyinaeɛ.

16Ɛgyinaeɛ,

nanso, manhunu nʼabɔsuo.

Biribi bɛgyinaa mʼanim,

na metee nne bɔkɔɔ bi a ɛrebisa sɛ,

17‘Onipa dasani bɛtumi atene asene Onyankopɔn?

Onipa bɛtumi ayɛ kronn asene ne Yɛfoɔ anaa?

18Sɛ Onyankopɔn ntumi mfa ne ho nto nʼankasa asomfoɔ so,

na sɛ ɔka nʼabɔfoɔ mpo anim a,

19hwan ne onipa a wɔde dɔteɛ anwene no,

a ne fapem sisi mfuturo mu

na wɔdwerɛ no ntɛm so sene abubummabaa?

20Ɛfiri anɔpahema kɔsi anwummerɛ wɔbubu wɔn mu nketenkete;

na wɔyera korakora a obiara nhunu wɔn bio.

21Wɔtete wɔn ntomadan nhoma mu,

ɛno enti wɔwuwu a wɔnnim.’

Blog
About Us
Message
Site Map

Who We AreWhat We EelieveWhat We Do

Terms of UsePrivacy Notice

2025 by iamachristian.org,Inc All rights reserved.

Home
Gospel
Question
Blog
Help